thanks

Meda W'ase

Tagged:  •    •    •    •  
  • Meda W'ase View all from Moses OK
    Meda w'ase
    Moses OK
    Twi
    5:19
    Moses OK
    2007

Chorus
Wahwɛ me so ama ade pa akye me ne m’abusua yi
Meda w’ase, meda w’ase daa
Wahwɛ m’anifiri ne me nfi ba mu ama bɔne bi anto me a
Meda w’ase, meda w’ase daa

Verse
Me kra ɛdwane sɛ anoma ɛfiri fidisofoɔ nfidie mu
Onyame agye me, wɔagye me ama made me ho
W’ahoma akyerekyere me, ahohia berɛ mu, ɔtwitwa gyee me
Nyame amma manwu, wɔanma m’anim angu ase
Me kra ɛdwane sɛ anoma ɛfiri ɔfidisofo no fidie mu
Onyame agye me o
Wɔagye me (4x)
Nyame amma manwu, wɔanma m’anim angu ase

Repeat Chorus 2x

Oh oh oh (2x), oh oh oh oh oh oh

Onyame aseda

Tagged:  •    •    •    •    •  
  • Onyame aseda View all from Kwaku Gyasi
    Onyame Aseda
    Kwaku Gyasi
    Twi
    6:42
    http://www.youtube.com/watch?v=qZhHN-vxLAQ
    Kwaku Gyasi
    2006

Chorus
Onyame, w'aseda yɛ bebree
Onyame ei, w'aseda yɛ bebree
Ɛfiri me mu ɛne m'akoma mu
Onyame, w'aseda yɛ bebree
Ɛfiri me mu ɛne m'akoma mu
Onyame, w'aseda yɛ bebree

Wɔnbɔ mu (2x)

Onyame, w'aseda yɛ bebree
Onyame ei, w'aseda yɛ bebree
Ɛfiri me mu ɛne m'akoma mu
Onyame, w'aseda yɛ bebree
Ɛfiri me mu ɛne m'akoma mu
Onyame, w'aseda yɛ bebree

Verse 1
Mese, ɔko bɛn koraa na menfaa mu da, woate
Amanneɛ bɛn koraa na menfaa mu da

Mede aseda

Tagged:  •    •    •    •    •    •  
  • Mede aseda View all from Suzzy & Matt
    Mede aseda
    Suzzy & Matt
    Twi
    Suzzy & Matt
    2002

Chorus
Adepa to me a
Mede aseda bɛma Onyame yea
Adepa to me nso a
Mede ayɛyie bɛma Awurade yea
W'abɔ me ho ban firi
Akatabinfoɔ nsa mu
Me Nyame (2x)

Verse 1
Aah, wɔamma m'anim ɛngu ase
Atanfoɔ anim o
Ɛyɛ ampa, aseda sɛ Nyame
Ayɛyie sɛ no o
Ntomtom fata no o
Daa nyinaa (2x)
Come on let's go now
Aah, wɔamma m'anim ɛngu ase
Atanfoɔ anim o
Ɛyɛ ampa, aseda sɛ Nyame
Ayɛyie sɛ no o
Ntomtom fata no o
Daa nyinaa (2x)

W'aseda nie

Tagged:  •    •    •    •  
  • W'aseda nie View all from Daughters of Glorious Jesus
    W'aseda nie
    Stella Dugan, Dorcas Appiah, Yaw Agyeman Benjamin, Rev Kusi Berko
    Twi
    5:57
    1
    Stella Dugan, Dorcas Appiah, Yaw Agyeman Benjamin, Rev Kusi Berko
    2001

Verse 1
M'akoma redi ahurusie
Awurade aboa me o
Ɔbɔnefoɔ atadue mu abubu
Ama m'anisuo nyinaa adane m'anigyie
Awurade na ɔma, ɔno ara na ɔgyeɛ o
Ɔwɔ brɛ de ma ɔdasani biara
Sɛ wo mmerɛ ɛmmayɛ a, to wo boase o, onua
Ma yɛn mpaebɔ tiefoɔ
Ɔhunu ɔnnibie mɔbɔ
Sɛ wobɛfiri bɔne mu ayɛ papa a
Ɛnka wobɛhunu sɛ yɛ Nyame tease
Woahwehwɛ me afiri me mmɔfrase
Ɛde abɛduru mempanin fie so
Adeɛ baako a mehunuu da ne sɛ
Me Nyankopɔn nso nni me nhwamɔ wae

Syndicate content
2597.27