New content on Museke!

Museke African music lyrics musicians songs interview chit-chat

Menka

  • http://cdbaby.name/c/h/chemphe.jpg
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Chemphe
    Chemphe, 2Ga
    No pampanaa
    2006
    Henry Agyeman Chemphe
    Twi

Hello, ladies
Yɛnya asɛm a, yɛnka no dan mu
Hey, Chemphe

Verse 1 (Chemphe)
Ɔdɔ, to wo bo
Te m'ase, hwɛ no yie
Wo nko ara, na medɔ
Ma ɛntietie nkrɔfo ano
Sɛ woyɛ a, mennka nkyerɛ obiara
Ɛfiri sɛ wo nko ara ne medɔ
Atanfɔ ba mu a, anka yɛn dɔ yi ɛnyɛ hwee

Rap (2Ga)
Wo ne m'akoma mu hemaa
Ɛna medɔ wo girl
Mahu sɛ wo ne obiara nsɛ
Medɔ wo nko ara
Wagye, wagye me, ɛne w'ahoɔfɛ
Wei nyinaa akyi, wowɔ suban
Adeɛ kakra mɛyɛyɛɛ yi, woama me asɔ dan
Ɔdɔ, manhyia wo a, anka mede me ti bɛbɔ ban
Mmaa mu gu ahodoɔ, nanso wo nko too na megyidi

Ɛnti shordy, wo nko ne me lady
Asɛm ba a, ɛmma obi nte bi
Na ama atanfo akɔdi yɛn akyi
Ɛnti shordy, wo nko ne me lady
Asɛm ba a, ɛmma obi nte bi
Na ama atanfo akɔdi yɛn akyi

Chorus
Sɛ meyɛ a, mma ɛnka nkyerɛ obiara
Mempɛ sɛ atanfo ani bɛba yɛn ho
Woyɛ bɔne a, menka nkyerɛ obiara
Ɛfiri sɛ menni ɔdofo biara ka wo ho
Sɛ meyɛ a, mma ɛnka nkyerɛ obiara
Mempɛ sɛ atanfo ani bɛba yɛn ho
Woyɛ bɔne a, menka nkyerɛ obiara
Ɛfiri sɛ menni ɔdofo biara ka wo ho

Verse 2 (Chemphe)
Sɛ meka a, te na se, na dwen ho yie
Nyankopɔn kyin awaregyae, yɛnhwɛ no yie
Sɛ mefom a, mma ɛnka nkyerɛ obiara
Ɛfiri sɛ wo nko ara ne medɔ
Atanfɔ ba mu a, anka yɛn dɔ yi ɛnyɛ yie

Yɛnya asɛm a, yɛnka no dan mu
Anyɛ saa, ɔtanfo bɛba yɛn nta mu
Na ankɔ ama, awaregyae akɔpie
Yɛnya asɛm a, yɛnka no dan mu
Anyɛ saa, ɔtanfo bɛba yɛn nta mu
Na ankɔ ama, awaregyae akɔpie

Ɔdɔ, wo nko ara, na medɔ
Mma ɛnka yɛn dɔ mu nsɛm nkyerɛ obi
Mese, wobɛte na obi agye me
Sɛ na yɛte biara no, bɔne bɛba yɛn ho

Rap (2Ga)
2Ga, na me no wo dikyikyi
Ɔde nneɛma pa nk ara na ɛde m'akyi
Ɔde nkɔmɔ nko ara ɛne ɔdɔ
Neɛ a, mepɛ, kɔ pem sɛ ade bɛkye
Woyɛ bɔne a, mennka nkyerɛ obiara
Ɛfiri wo nko, wosi hɔ ma mekyikyi
My sweetie, wo nko ara ne mefiili
Ɛfiri sɛ wo nkɔ too na mekyikyi

Ɛnti shordy, wo nko ne me lady
Asɛm ba a, ɛmma obi nte bi
Na ama atanfo akɔdi yɛn akyi
Ɛnti shordy, wo nko ne me lady
Asɛm ba a, ɛmma obi nte bi
Na ama atanfo akɔdi yɛn akyi

Repeat Chorus

Chemphe, the 2Ga
Wind go down (2x)
If you love your girl, clap your hands
If you love your man, clap your hands
Ladies, wine go down (2x)
Baako, move to the left
Mmienu, move to the right
Chemphe, 2Ga

Ɛnti ma ɛmma obi ɛndaadaa
Ɛnti ma ɛnfa yɛn dɔ yi nni agorɔ

Repeat Chorus 2x

Ɔdɔ yɛwu ei, ɛnti sɛ wopɛ no saa ara
Yɛnyɛ no saa ara
Ɔdɔ yɛwu ei, ɛnti sɛ wopɛ no saa ara
Yɛnyɛ no saa ara

© Chemphe

:

Watch the Menka video by Chemphe

 

Produced by Flava Records


Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options