
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery
Chorus 2x
Ɔrekɔ aba o
Mama kɔɔyɛ a, wamba bio
Nya asɛm sɛbɛ
Ɔrekɔ aba o
Papa kɔɔyɛ a, wamba bio
Nya asɛm sɛbɛ
Me dɔfo yi kɔ o, yei
Me nua baa yi kɔ o, yei
Me nua barima yi kɔ o, yei
Ɔrekɔ aba o
Mama kɔɔyɛ a, wamba bio
Nya asɛm sɛbɛ
Ɔrekɔ aba o
Papa kɔɔyɛ a, wamba bio
Nya asɛm sɛbɛ
Ɔkɔɔyɛ a, wamba bio o, koraa (2x)
Hook
Tie, tie, papa driver
Tie, tie, tie, tie, Mr. passenger
Tie, tie, motor rider
Yɛnfa mbɔ yɛn ho ban
Tie, tie, papa driver
Tie, tie, tie, tie, Auntie passenger
Tie, tie, motor rider
Na yɛnfa mbɔ yɛn ho ban
Wo koraa, wo nni yaw
Me ne wo ara o, ɔdɔfo ei
Wo koraa, wo nni yaw
Me ne wo ara o, diye
Yɛnka ho, na kaa kwanhyia bebree wɔ yɛn man yi mu (2x)
Verse 1 - Obour
Ɛnti me koraa mɛyɛ dɛn
Na lorry akwanhyia, saa na ɛteɛ
Kwabena, mɛka
Kwabena Bour, me ara ne mɛka
Onua a, ɔwɔ akokɔ bebree, kosua nyɛ no na
Gyimi me baako, mmienu, wongyimi me mprɛnsa
Ofui mpo, wowe no abaa a, mese, obu ne pa
Yaka aka aka, yabubu nnua agu y'aso mu
Mese afem, manhwɛ yie a, mese mɛto mu
Mahu han ahu kanea, afei mahu sum
Owuo atwedeɛ, maforo asane, mɛto pono mu
Neɛ a, ɛrekɔ so nansa yi deɛ, abɔ me hu
Abena Badu, ne ba Ampadu, yɛse wɔawu
Yaw Manu, ne wofa ase num, wɔato mu
Lorry akwanhyia asum afidie, wabie n'anum
Me ne wo ahoɔden, neɛ a, yɛbɛtumi aka atum
Ɛnti nka y'ani ngye
N'awotwe baako, no nkwanhyia
Nka yɛnnyɛ party, bosome baako, obiara anpira
Hwɛ, tena hɔ na tie wei
Nkunimdini ne mpanin ni foɔ a, wɔahwere wɔn nkwa
Lorry akwanhyia, cars adaworoma
Adɔktafoɔ mmiensa, wɔkɔɔyɛ a, wɔamba
Honourable Minister, ɔkɔɔyɛ a, wɔankra
Apakyi, Akata, Suzzy ne Bonchaka
Ɛnti yɛretena hɔ ama wei ade yɛn dem
Yɛretena hɔ akɔ so ahwere yɛn kwa
Hwɛ maame akra ne mma sɛ ɔrekɔ aba
Accra, Kumasi kwan, adraevafoɔ, wɔnte gyae
Hwim hwim, twam twam, articulator, break ate
Nsuo nso atɔ, ama no apa Benz bus
207 ne Ford, mema mo due
Repeat Chorus
Verse 2
Adua abu atɔ wɔ kwan mu, 4Runner apaake
Tico ketewa, anumdwa, ɔpɛ sɛ ɔfa nkyɛn
Ɛkwan yi nso amena kɛseɛ bi, ɛda nkyɛn
Sɛbe, anya anyɛ yie a, kee, wobɛka sɛn
Wo ti anyɛ yie, na abiri wo a, me nua, wobɛyɛ dɛn
Hwɛ mmerante asɛm nti, barima bi ahwere ne nkwa
Mmarima sɛm nti, wɔakɔ ne nsaman akyi
Me deɛ me a, yɛreyɛ kwan no ɛ, ɛda so no ɛ
Me kaa no redwane no ɛ, na merepɛ ntɛm no ɛ
Na woahu, yɛka a, wonntie
Dabi dabi na wobɛhu
Ɛnnɛ nkyerɛma, no ntaban, yɛpɛ sɛ yɛtu
Hook
Tie, tie, papa driver
Tie, tie, tie, tie, Mr. passenger
Tie, tie, motor rider
Yɛnfa mbɔ yɛn ho ban
Tie, tie, papa driver
Tie, tie, Auntie passenger
Tie, tie, motor rider
Na yɛnfa mbɔ yɛn ho ban
Verse 3
Afei, ɛfiri ɛnne rekɔ, seat belt no, yɛbɛbɔ
Crash helmet no nso, okada man, wobɛtɔ
Traffic light asɔ kɔɔ, gyina, me ne kɔro
No wrong parking, overloading, no overtaking
Overspeeding on the hill, over mountain
Yɛ nnoɔma wei, na fa bɔ wo ho ban
Asaase aban, wei firi m'akoma mu kwan
Wo ne hwan, woyɛ hwan
Wonni owuo safoa ho kwan
Akwanhyia bebree, ɛnfata Ghana, me man
Wei yɛ mmra nsɛm, tie na fa bɔ wo ho ban
Mmra nsɛm, tie na ɛbɛgye wo nkwa
Mmra nsɛm, fa bɔ wo ho ban
Repeat Chorus
Ɛnti deɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me osukuunii
Ɛnti deɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me ɔdraevanii
Mɛhwɛ kwan so ahyɛnsodeɛ yie
Na madi so, na sɛ lorry akwanhyia so bɛte a
Hwɛ, deɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me ɔkrakyenii
Ɛdeɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me okristonii
Mede m'ano paapaa bɛbɔ mpaɛ
Aserɛ Tweduanpɔn Nyankopɔn
Sɛ ɔmboa yɛ man Ghana na akwanhyia nso nte
Ɛyɛ me opoliisinii
Mengye a, mengye be, mengye dɛ?
Mɛyɛ m'adwuma yie, ama lorry akwanhyia, ɛso ate
Ɛdeɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me ɔman panyin
Mɛtu me man mma fo, na wɔn ayɛ ahwɛyie
Na mɛyi akwan, ama yɛn akwan so ayɛ yie
Ɛdeɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me motor driver, mɛhyɛ me helmet
Passenger, mɛtu obiara fo, ama no abɔ ne seat belt
Ɛdeɛn na mɛyɛ
Ɛyɛ me ɔnnwomtoni
Kwabena Bour, aane, mayɛ nnwom
Mato ama mo ate
I no go tell you lies
People dey die like flies
Hwɛ, everybody cries
When the innocent dies
Repeat Chorus till fade
Family Tree Entertainment
Adwinfi
A1
Obour
Yɛate nkensen
Akwanhyia, yɛakye wo ahyɛ y'amɔtua mu
Yɛasɛe mu
Yɛnnwu bio
Wo ne me, me ne wo, yɛnnwu bio
Akwanhyia, lorry akwanhyia, nku yɛn bio
Yennwu bio
Yɛatimtim sɛ waduro
Yeapimpim, yɛakoko
Hwɛ, yɛnnya ankɔ bio
Yɛrebɛtena wiase afebɔɔ, afebɔɔ
Mawie, firi mu!
Accident, firi mu!
© Obour
Produced by Family Tree Entertainment, Soul Records












Obour deserves a lot of credit for coming out with this song. He understands his role as a role model to other youth and he has been using it well. He even said recently that younger people should be allowed to run for president. He is a great man for his youth, and he even has great investments like the sports bar. Keep it up MOBA
Of course, he went to the 'SCHOOL'
couldn't agree more. Obour dey force like we'll say in Ghana
Post new comment