Honeymoon is over - Museke African song lyrics

Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery
Ɔno nso adane ɔnwie ama me e
Oh, mmienu gyeɛ
Hmm, na ɛyɛ m'adwene sɛ
Yɛaduru nsanee mu, ɔdɔ e
Uuh, na mennim sɛ
Yɛreba abɛforo Afadjato
Ɛdeɛbɛn na ɛtoo yɛn dɔ yi a
Ama me ne wo mu aseɛ mu
Asɛm bɛn na ɛsii wɔ Sekyere Dwama ase a
Ama twene ɛreba yi
Me ne no kɔda anadwo a
Na ɔde n'ani mu atwere ban
Ɔdɔ nne me ndware biom o
Ɔnsra m'akyi mma me biom o
Ɔnkasa sweet biom o
I guess the honeymoon is over
Ɔdɔ nsere biom o
Daabi ara na wamuna tum
Yɛnkasa nnidi biom o
Yɛatera deɛ ɛyɛ mmrɛ no mu o
Mmere bi a no, bɛsen kɔ no
Ɔdɔ, ɔtukwan nnawɔtwe mpo a
Ɔbɛfrɛ me, annwummire biara
Ma yɛakasa kɔsi sɛ awie mu bɛte sɛ han
Ansaana ɔdebɛto so no
Ansaana yɛbɛkra no a
Ɔde mfe ano dɛdɛɛdɛ bi
Bɛfa ahomatrofoɔ ne so ama me
Na ɛyɛ m'adwene sɛ, yɛatera neɛ ɛyɛ tere no mu
Na ɛyɛ me sɛ yɛaduru deɛ ɛyɛ nwunu no mu o
Saa ano a yɛde se obape no a
Ɛnyɛ ɛno na yɛde nwene ntoma a
Ɛdeɛn na ɛbaa wɔ Sekyere Dwama ase a
Ama atopa nnɛ
Yɛn gya te pɔ bio mo
Ɔnni tsema ma me biom o
Ɔngu ne ho mma me bio mu o
I guess the honeymoon is over
Ɔnni me brɛyɛ biom o
Ɔngyegye me so biom o
N'ani nka m'ani mu bio mu
Yɛatera deɛ ɛyɛ nwunu no mu
Yɛn dɔ ne nta gya bio mu o
Ogya nsoroma no adum o
Ahye to adane nsuo no
I guess the honeymoon is over
Honeymoon is over
Yɛatera ne abre kɔɔ no mu
Ɔmmie kaa no mpo mma me biom o
Yɛatera deɛ ɛyɛ fɛ no mu o
Madane deɛ asunsuan ama ɔdɔ e
Madane deɛ atete ama ɔdɔ e
Na m'adwene yɛ me sɛ
Meyɛ ɛmmaa dɛ e
Madane bɔela so
Madane ntomago
Madane ntomago ama ɔdɔ yɛwu ei
Yɛn dɔ yi afɔn
Uuh, yɛn dɔ yi afɔn
Agorɔ a, yɛredi yi, yɛapɔn
Agorɔ a, me ne wo redi yi
Yɛapɔn (4x)
Adane abakɔsɛm (2x)
Madane ntomago (oh yeah) (2x)
Madane ntomago ama ɔdɔ e
Yɛn dɔ yi afɔn
Uuh, yɛn dɔ yi afɔn
Agorɔ a, yɛredi yi, yɛapɔn
Agorɔ a, me ne wo redi yi
Yɛapɔn (4x)
Adane abakɔsɛm (2x)
It's history now
Madane ntomago (oh yeah) (2x)
Madane ntomago ama ɔdɔ e (4x)
Madane ntomago
Madane ntomago ama ɔdɔ e (4x)
Madane ntomago
© Kojo Antwi
Produced by Freedom Family Entertainment












only good musical ears will understand the quality of this track, its just too good, wow kojo, Jah Blez ya
Post new comment