Okukuseku


Hook
Okukuseku o, me nua e
Suro nipa na gyae saman
Onipa e, ɔnya wo a, ɔbɛyɛ wo
Verse 1
Saman yi dze, wɔafiri wiadze yi mu
Ɔda cemetery hɔ, ɔredwen ne ho
Dɛm ma ɔbɛyɛ akɔ heaven
Saman yi dze, wɔafiri wiadze yi mu
Ɔda cemetery hɔ, ɔredwen ne ho
Dɛm ma ɔbɛyɛ akɔ heaven
Nipadasani dze, ɔne wo tse wiadze mu
Daa ɔrepere wiadze ahonya ntsi
Sisibrɛ a, na ɔbɔ, mpua na ɔbɔ
Kwaseabɔ yi ara na aka no
Suro nipa na gyae saman
Onipa ho yɛ hu o, papa bi
Nipadasani dze, ɔne wo tse wiadze mu
Daa ɔrepere wiadze ahonya ntsi
Sisibrɛ a, na ɔbɔ, mpua na ɔbɔ
Kwaseabɔ yi ara na aka no
Suro nipa na gyae saman
Onipa ho yɛ hu o, papa bi

Chorus 4x
Onipa ho yɛ hu o, papa bi (4x)

Verse 2 2x
Ɔhu w'anim a, na ɔne wo reserew, fɛfɛɛfɛ
Ɛdane wo ho a, na ɔrekeka wo ho nsɛm, yaayaayaw
Okunfodunfo e, onipa ho yɛ hu o, papa bi
Ɔhu w'anim a, na ɔne wo reserew, fɛfɛɛfɛ
Ɛdane wo ho a, na ɔrekeka wo ho nsɛm, yaayaayaw
Okunfodunfo e, onipa ho yɛ hu o, papa bi
Bue w'abon to hɔ na hwɛ, fa wo sika to hɔ na hwɛ (2x)
Ɛhɔ na ɛbɛhu sɛ saman bɛba abɛfa a (2x)
Ɛhɔ na ɛbɛhu dɛ, nipadasani nyɛ (2x)
Ɔno na ɔbɛba abɛfa na wayɛ wo pasapasa
Awi o, wɔnkye no mma me
Suro nipa na gyae saman
Onipa ho yɛ hu o, papa bi
Suro nipa na gyae saman
Onipa ho yɛ hu o, papa bi

Ɔsandɛ awi, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman
Ɔsandɛ azaa, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman

Repeat Hook
Repeat Chorus
Repeat Hook
Repeat Chorus

Verse 3
Ɔhu w'anim a, na ɔne wo reserew, fɛfɛɛfɛ
Ɛdane wo ho a, na ɔrekeka wo ho nsɛm, yaayaayaw
Okunfodunfo e, onipa ho yɛ hu o, papa bi
Bue w'abon to hɔ na hwɛ, fa wo sika na hwɛ (2x)
Ɛhɔ na ɛbɛhu sɛ saman bɛba abɛfa a (2x)
Ɛhɔ na ɛbɛhu dɛ, nipadasani nyɛ (2x)
Ɔno na ɔbɛba abɛfa na wayɛ wo pasapasa
Awi o, wɔnkye no mma me
Suro nipa na gyae saman
Onipa ho yɛ hu o, papa bi
Ɔsandɛ ɛwi, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman
Azaa, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman
Korokoro, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman
Busybody, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman
Kokonsa yi, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman
Sisifo, ɔyɛ nipa, ɔnyɛ saman

© Paapa Yankson

 

Produced by Paapa Yankson

DK's picture

miss the days of the Golden Nuggets and Western Diamonds, the highlife days before hip-life came to take over. songs like this shall remain with us forever

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

698.52