Sherry
View all from Kofi B Kofi B, Yoggi DoggiTwa me keke2002Kofi Bokaye YiadomTwi
Verse 1
Hyiaa no Kwasiada annwummire bi wɔ akwantuo bi ase o
Mehuu no ara na me ya mu hyee me, ɛtuu m'akoma nso
Na mese ɔbaa yi a, mehuu no yi
Firi aseɛ bisa ne din, woantumi ankasa o
Yaanom, ahwene pa nkasa o
Mebisaa no, bisaa no, bisaa no, na ɔkyerɛɛ me sɛ
Yaanom, yɛfrɛ no Sherry
Sherry, wo din yɛ me dɛ
Sherry, me ne wo bɛwu
Ɔdɔ bra yɛnfa ɔdɔ mmɔ dɔ mu o
Chorus
Sherry (8x)
Wo dɔ yi yɛ dɛ o
Wo dɔ atumi me na ɔdɔ o
Sherry (8x) Sherry (8x)
Wo dɔ yi yɛ dɛ o
Wo dɔ atumi me Ofori e
Verse 2
Sɛ nea woreyɛ me no, saa ara na mepɛ o
Kɔ no saa ma me o, Kofi e
Sɛ ɔdɔ mu adukuro mu nsuo bi retwɛn me o
Ɔdɔ ntoma no fira a, mɛfira bi, Sherry
Wo nnoɔma asensen kora, hyɛ kanea horo a o
Ɔdɔ yEwu tumi Ɔdɔ e o
Fe m'ano na ka ɔdɔ asɛm bi to m'aso mu ɛ
Fe m'ano na ka ɔdɔ asɛm bi, na m'akoma ntɔ me ya mu o
Sherry (8x)
Ɔdɔ yi ati me o
Ɔdɔ yi afem me o
Ɔdɔ yi asi abɔnten deɛ a
M'ɛntene, m'ɛntene nfa me ho ɛ
Ɔdɔ yi asi abɔnten deɛ a
M'ɛntene, m'ɛntene nfa me ho ɛ
Ɔdɔ yɛ toffee a, mɛfe wo o (2x)
Sherry (8x)
Verse 3
Wo ara na medɔ wo Sherry
Ɔbaa pa ahoɔfɛ, ne ne nanteɛ Jerry
M'aka ntam sɛ wo ara na mɛware
W'anim seresere, menyaa yɛ anka w'apane
Tie, ɛbɛyɛ a, yɛ w'adwene papa
Na bra ma yɛnto adonko
Wo ne m'akoma, wo ne me nhwɛsa, wo ne me nsroma pa
Eh Sherry, tie memma hwee nha wo
Mete wo so a, m'asɔre
Mepiin kyɛ a, m'anane
Wobɔso ma me nti, mese wo ara na wote so
Mewɔ wo ho a, medidi
Mewɔ wo ho a, mefeeli
Ɛna hyira yɛn ɔdɔ ma yɛnya kwan aware
Mewɔ wo ho a, medidi
Mewɔ wo ho a, mefeeli
Ɔdɔ pa na agyina akoma yi mu
Hook
Hurry (3x), rescue me (2x)
Verse 4
Sherry na merefrɛ no yi
Mefrɛ wo a, gye me so
Ɔdɔ mmra na yɛndi agorɔ di ɛ
Ɔdɔ mmra na yɛndi asa ɛ
Asa nnwom na mereto yi
W'asa yɛ me fɛ o
Ɔdɔ nkoaa aka asɛm nti
Menkɔ nsuo na m'ɛdidi o
Ɔdɔ yɛwu, to me ɔdɔ nnwom ɛ
Fa w'ano bɛfɛ m'ano, na mmirika mma me ho ɛ
Sɔ me mu ɛ, ɔdɔ, na m'ani ngye o
Sherry (till fade)
© Kofi B
Produced by Kumasi Market





















Post new comment