Me dofo pa - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  

Me dofo pa
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Kojo Antwi entries
Akuaba
Kojo Antwi
Twi
5:42
Kojo Antwi
2000

Chorus
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛreba ei (3x)

Verse 1
Masɔre anɔpa, me ho nfa me o
Ɔdɔ afe m'ano, manya ahomeka
Sɛ m'aba mu bu a, ɔsere kyere me o
Wɔama awɔsini agu me o, manya ahoɔden foforo bi o
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ da gya mu
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ hyehyehyee
Ɔdɔ yɛwu ei, wo nkɔmmɔ da gya mu
Saa na ɔteɛ, ɔbrɛ ne ho ase o
Ɔmpɛ ne ho asɛm nso, sɛ na ahwene pa nkasa o
Tumtum broni e, obibini mu obibini ei
Mebɔ wo nsemmrane a, gye me so ɛ
Ao, ɔdɔ yɛwu ei

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni hɔ a, mensu dɛɛbɔɔ
Oh, ɔnni hɔ a, anisuo bɔkiti ma
Ɔdɔ yɛwu ei, fa wo nsa bɛto me kɔn mu a
Ka asɛm dɛɛdɛ bi kyerɛ me ei ma me ho nsɛpɛ me o
Me dɔ mu piesie, wode adam abɛyɛ fɛ
Mete wo so a, masɔre
Ao, ɔdɔ yɛwu

Verse 3

Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no, ɔbɔɔ obiara ne ne deɛ ei
Sɛ manya me dɔfo yi a, mentwetwe n'ase o
Sɛ ɔfiri adwuma reba a, mede amirika na ɛbɛkɔ ahyia no ei
Na mayɛ no awaawaatuu, ɔdɔ yɛwu aba a, tenase o
Na mɛhwɛ w'aniwama mu, ɛno na ɛma me awerɛkyekyere ei
Mehu wo a, na me ho atɛ me ei
Ao, ɔdɔ yɛwu ei

Repeat Chorus 2x

Verse 4
Ɔdɔ yɛwu ei, me na merefrɛfrɛ wo ei
Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni hɔ a, mensu dɛɛbɔɔ
Oh, ɔnni hɔ a, anisuo ankorɛ ma
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, yei
Wonni hɔ a, meda a, ɛnna
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, ha ha ha
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna, ha ha ha
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa (anisuo ha)
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoaa (bɔkiti ma)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa, ha ha ha
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoaa, ha ha ha
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, yea
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, yea yea
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa (ɔdɔ nni hɔ a)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa (yea yea)
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa (anisuo nkoaa)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna

© Kojo Antwi

:

Watch the Me dofo pa video by Kojo Antwi

 

Produced by Freedom Family Entertainment

Chale's picture

Ghana mmaa ho yɛ fɛ!

video for Kojo Antwi's love ballad posted

I love how they are using odds and ends as musical instruments, isn't it beautiful? Kojo Antwi has some really great music videos, I wonder if he directs them himself

Chale's picture

me dofo pa translations.... I am unsure of a few parts, edits welcome.

Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛreba ei - My good love, your song is the one coming

Masɔre anɔpa, me ho nfa me o - I have woken up in the morning, I am sick
Ɔdɔ afe m'ano, manya ahomeka - My love kisses me, I am comfortable again
Sɛ m'aba mu bu a, ɔsere kyere me o - If I am down, she smiles at me
Wɔama awɔsini agu me o, manya ahoɔden foforo bi o - .... , I have gotten new strength
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ da gya mu - My love's conversation/talk is great
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ hyehyehyee - My love's conversation/talk is hot

Saa na ɔteɛ, ɔbrɛ ne ho ase o - That's how she is, she is humble
Ɔmpɛ ne ho asɛm nso, sɛ na ahwene pa nkasa o - She doesn't like trouble, ...
Tumtum broni e, obibini mu obibini ei - Black white person, a black person amongst black people
Mebɔ wo nsemmrane a, gye me so ɛ - If I call you ..., respond

Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, oh - if my love is not there, when I sleep, I can't sleep
Oh, ɔnni hɔ a, mensu dɛɛbɔɔ - If my love is not there, I cry and cry
Oh, ɔnni hɔ a, anisuo bɔkiti ma - If my love is not there, tears that fill buckets
Ɔdɔ yɛwu ei, fa wo nsa bɛto me kɔn mu a - My love, come and put your hand around my neck
Ka asɛm dɛɛdɛ bi kyerɛ me ei ma me ho nsɛpɛ me o - Say something sweet to me that I will enjoy
Me dɔ mu piesie, wode adam abɛyɛ fɛ - My premier love, you have made (this) madness nice
Mete wo so a, masɔre - When I sit on you, I have stood (when I am with you, all is well)

Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no, ɔbɔɔ obiara ne ne deɛ ei - When the Almighty created things, He created everyone and his/hers
Sɛ manya me dɔfo yi a, mentwetwe n'ase o - If I have gotten my love, I would keep her
Sɛ ɔfiri adwuma reba a, mede amirika na ɛbɛkɔ ahyia no ei - If she comes home from work, I will go and meet her with running
Na mayɛ no awaawaatuu, ɔdɔ yɛwu aba a, tenase o - And give her a hug, my love, if you have come, sit down
Na mɛhwɛ w'aniwama mu, ɛno na ɛma me awerɛkyekyere ei - When I look into her eyes, that is what consoles me
Mehu wo a, na me ho atɛ me ei - If I see you, then I am happy

Ɔdɔ yɛwu ei, me na merefrɛfrɛ wo ei - My love, you are the one I am calling
Oh, ɔnni hɔ a, anisuo ankorɛ ma - If my love is not there, a barrel full of tears
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoaa (bɔkiti ma) - If love is not there, only tears (a bucket full)

MyDestiny's picture

Hey this is a gd one. Gd job done like always. Just to help fill da gaps..

Wɔama awɔsini agu me o- makes me get goosebumps(on my body)

sɛ na ahwene pa nkasa o (- an extract from ahwene pa nkasa, adepa na ɛtɔn ne ho) -
- quality beads don't brag yet they get noticed (they get noticed by their quality and beautiful patterns, regardless)

Mebɔ wo nsemmrane a - nsammrane means appellations eg ɔbaa hemaa, ahuofɛ dua, bɛɛma yɛ nna, me jolie etc in this instance.

Can Ghanaians eva get enough of Kojo Antwi?? Maybe not.

Chale's picture

thank you for helping with the rest of the translations Essie

Ghanaians cannot get enough of Kojo Antwi, I hear a new album is in the works, I am sure it is going to be special.

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options