Obaa pa - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  

Obaa pa
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Akyeame entries
Apam Foforo
Akyeame
Twi
Quame Nsiah Appau, Daniel Quophi Amoateng
2004

Sɛ mekaasɛ yɛresan aba, yasan aba (2x)
Yɛngyae, yɛngyae da (2x)

Mekɔto sɛ, yɛtɔn ne dɔ a
Sikakɔkɔɔ na medebɛtua ka, aane
Mekɔto sɛ, yɛbɔn ne donko mia a
Menkoaa, metɔ no aboɔden, aane

Chorus 2x
Asɛm too me no, ɔkaa bi maame
Ɛsum dwuruu me no, ɔyɛɛ me han
Ɛkɔm dee me no, ɔno na ɔmaa me aduane
Ɔbaa pa ni

Verse 1
Ɔhwɛɛ me, abra me ho kyeree me
Ɔpɛɛ me, ansana mereyɛ ɔkyeame
Ɔkaa bi, abra asɛm too me
Ɔbaa bi, abra ahu dwuruu me
Ɔfiri wiem, ɔyɛ ɛsoro abɔfo
Meka no biem sɛ ɛda mu soronko
Ɔsi me nnoɔma, na woasan ato
Mefiri adwuma bɛba, na woato me pono
Nimdiɛ nim deɛ ɛyɛ nyono
Dii fried rice, dii ne dɔkono
Ɔda cool a, ɔhyɛn nsuo nyunu
Ɔbika me ho biribi a, ɔnte, ne bu mfu
Agyesɛ n'ani ahu
Mete nenkyɛn a, mekyɛn ɔhene
Ɔfrɛ me Nana a, na madwen anane
Ɔtumi ma metirim yɛ medɛ sɛ latogen
Deɛ ɔdeku me, ne kisses, ne ne amozen
Me Sugar baby
Ne dɔ dɔɔso kyɛn Don King tiri nwi
Ɔdrive me crazy
Ɛtwa wonsunumu deɛ a, Sister pini
Barima nsu, nso ɔgyaa me a, mɛsu ama onimere
Yɛtɔn ne dɔ no a, anka
Metua ka na me hyerehyere
M'ano afɔn, na mereseresere

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Ɔbaa a ɔwɔ ahobraseɛ, hwan na ɛmpɛ
Ɔbaa a ɔwɔ nteaseɛ, hwan na ɛmpɛ
Ɔbaa a ɔwɔ abotrɛ, hwan na ɛmpɛ
Mebɔwa, mebɔ m'ani a, ote aseɛ
Me pillar, mekura ne mu a, menhwee aseɛ
Deɛ mɛka na ɔyɛɛ
Ɔde nensa yɛ adwuma, ɔsan bu adeɛ
Ɔtumibɔ me din, me wura
Na m'akoma tɔ me yam, sɛ ɔwoɔ a, woada
Mmaa bebree, lɔɔ kay
Nanso wei deɛ, mese, ɔyɛ super
Ɔntwɛn me payday, ɛnso ɔbɔɔ me aponkye kakra
Ɔdɔ no yɛ tougher, ɔsan yɛ mega
Ɔsan yɛ better, ɔwɔ tsema
Ɔno nti na megyae mpena, ma sakra
Ne nneɛma dabadabaa
Ɔtumi de hwɛ me, na m'anumnsɛm nyinaa asa
Nanso osu nketekete
Frɛ me deɛ a, menhu hwee, agyesɛ nsoroma
Ɔkyena nkoaa merekɔhyɛ no kawa
Mesi no ɔhemaa, menyɛ no apaawa
Ɔdɔ wei deɛ nkatecake
Ɛkyɛn Ama Adoma pancake, pancake
Ɔdɔ wei deɛ nkatecake
Ɛkyɛn Ama Adoma pancake, pancake

Repeat Chorus 2x

Verse 3
Wokasadɛ kyɛn Yehowa adansedin ni a
Ɔrekan Twi bible, yie
Wopiee tete no a, anka
Yesu Christo de woyɛɛ ɔbaa disciple, yie
Mewoa wo woa wo yie a, deɛ opunu ba mu
Heavyweight title, yie
Yaw akɔnoba bi ara, frɛ no Michael
Nagela sɛ Gabriel, tie!
Sɛ ɛnka mmarima nyinaa te sɛ me a
Nka Bob Marley mmɔ, ‘No Woman No Cry'
Wabie w'akoma nyinaa akyerɛ me cool ɔdɔ
Nti na mepɛwo ae
Wobɔ nkɔmɔ woɔ, wadwen mu dɔ, woyɛ ɔteasefoɔ
Me ne wo bɛwu ae
Ɔmoburohufoɔ, nfa wo ho sɛ meyɛ ɔbrɛfoɔ
Nti na medɔ wo ae
Magyewo adi, gyewo adi
Nti na madan n'adi, dan n'adi
Wongyedi, wongyedi
Mese bisa Kofi, Kofi
Wo na mefeeli e, feeli e
Ɔbi pɛ me deɛ a, kaɛkyi, kaɛkyi, kaɛkyi
Bor hor biom
Magyewo adi, gyewo adi
Nti na madan n'adi, n'adi
Wongyedi, wongyedi
Mese bisa Kofi, Kofi
Wo na mefeeli e, feeli e
Ɔbi pɛ me deE a, kaɛkyi, kaɛkyi, kaɛkyi

Repeat Chorus 2x
Ɔbɔɔ me nkɔmɔdɛ, ɔma ɔdɔ tumi me o, ɔbaa pa ni
Sɛ meho kyere me a, ɔdɔ ne me boafoɔ, ɔbaa pa ni
Yɛde merekɔ no, ɔno ara ɛgyee me o, ɔbaa pa ni
Nkɔmɔdɛ, nkɔmɔdɛ, nkɔmɔdɛ, ɔbaa pa ni
Menhu no dakoro koraa, mentumi, ɔbaa pa ni
Mese mentumi nfa nhyɛ ne nsa mu o, ɔbaa pa ni

© Akyeame

:

Watch the Obaa pa video by Akyeame

 

Produced by Emklan entertainment

Kyere's picture

Akyeame is one of the best hiplife groups ever. It's sad that they are not making music together anymore even though Okyeame Kwame is one of the best rappers out there and doing well on his own. Definitely one of the hiplife pioneers, representing Oseikrom for real!

Osei Tutu's picture

I agree with the comment above. Akyeame are like brothers. But watch out for Okyeame Kwame's younger brothers called the Bradez. Amanfuo! They are repping Prempeh boys, the royal boys of Ghana.

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options