Awo ye ya
http://www.musichaven.com/store/media/nsoroma.jpg
View all from Kontihene
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryNana KontiheneNsoroma2003Nana Appiah BoatengTwi45:39
Verse 1
Ada bi, anɔpa bi
Na awofoɔ bi, ɛferɛɛ wɔn ba wɔ dɛm bisa no sɛ
Kwadwo, nti worebɛbu ɔbra papa nie
Ahwɛ yɛn ama yɛn se atutu, sɛ nea yɛahwɛ wo ama wo se afifi
Yɛnim sɛ abɛsɛ yɛ kɛseɛ a, ɔyɛ ma adufɔkyeɛ a
Woyɛ yɛn dɔba, yɛ dehyeɛ
Y'akoma mu, wo ne obiara mmɔ mu hyeɛ
Yɛn awo brɛ mu, nsuo hyeɛ
Adeɛ hia adɛnkum a, ɔte nsuo, nyɛ kwaɛ mu
Ɔpapa nso ɛtenaa hɔ din, ɔtoa so sɛ
Hwɛ w'afɛfoɔ, ebi wɔ nfuo, agyapadeɛ, ne akurabatan
Hwɛ wo maame, ɔyɛ ɔbaatan, wɔayɛ sɛ ɔkraman baatan
Ne diko, ne ntoma, ɛmu asunsuan
Ɛdan yɛda mu, ɛmu apenpan
Yɛ nkukunkakaa nyinaa ayɛ kyakakyakaa
Yɛ se afem, yɛabɔm agu
Kwadwo, woama yɛabrɛ gu
Asɛm yi, asefem, na montie nnwom a, awofoɔ no nso tooyɛ
Chorus 2x
Woama me abrɛ agu kwa o (2x)
Awoɔ yɛ ya o (4x)
Verse 2
Abranteɛ yi dii awerɛhoɔ, ɔtee nisuo
Hwɛ, ɔbɔ n'ani, na nisuo a
Opanyin ka asɛm a, ɛyɛ musuo
Abusua ni apotaka kɔsɛ, agyasuo
Wɔnbɛdidi a, gye sɛ gari ne nsuo
Kokrokoo, adeɛ akye, anɔpa bɔsuo
Nkakrankakra, akokɔ bɛnom nsuo
Nyinsɛn yi a, abofrɔ ne ntasuo, a
Awoɔ nyɛ woɔ a, awoɔ ne deɛ woama wo ba sini
Ɛna mewoo wo a, wonni hwee yi, ɛnti wobɛnyini abɔ bra papa ni
Dɔba e, hunu sɛ
Wiase yi mu abrabɔ yi, abofra bɔne bɛn na ɔsɛ n'awofoɔ
Ɛwuo, tie m'asɛm o
Repeat Chorus 2x
Verse 3
Agya bi wu a, agya bi te ase deɛ, daa yɛka
Nso, yɛdedaadaa awisea
Ɛnnɛ mmerɛ yi mpo, ohianiwaa mmɔ mosea
Awofoɔ yi, ɛretu wɔn ba fo
Sɛ asɛm to wo a, ɔnya ɔkamafo
Sɛ abɔfra yin so, ɔntere fo
Ɔmo se Awurade ne ne kyɛfo
Daakye, daakye, ɔbɛkyɛ ama na so ne so
Ɛno nti, maame ne paapa, ɛyɛ a, ma monteetee me sa
Ɛnyɛ sɛ, meyɛ atetekwaa
Mode mmafoɔ ɛretwa me adapaa
Ɛbia na na wɔnwɔ mmoa
Ɛbia na na wɔn awofoɔ wɔ sika
Me nso deɛ, efie mu mpɔ abɔ me
Sɛ deɛ dwensɔ abɔ akokɔ no
Na sɛ okotre pa ne okotre so sɛdi nso a, ɔnsɛe honam ara da
Mongyae me na memmɔ me mmera
Ɛnti mongyae me adaapa bɔ
Mongyae me na mengye m'ani o
Na biribi ara wɔ Awurade ne nsam
Ɔbra na merebɔ no, mese ɛnyɛ m'aniha
Ɛnti mongyae me adaapa bɔ
Ɛnyɛ nea mepɛ na ɛbɛhu mo ani o
Na biribi ara wɔ
Awurade ne nsam
Mongyae me na memmɔ me mmera
Mongyae me na mengye m'ani o
Ɔbra na merebɔ no, mese ɛnyɛ m'aniha
Ɛnyɛ nea mepɛ na ɛbɛhu mo ani o
Mongyae me, ngyae me, ngyae me e (loop)
Mongyae me na memmɔ me mmera
Mongyae me na mengye m'ani o
Ɔbra na merebɔ no, mese ɛnyɛ m'aniha
Ɛnyɛ nea mepɛ na ɛbɛhu mo ani o
Repeat Chorus till fade
Awoɔ abɛseɛ me yafunu kwa o
Sɛ mekɔ akwantuo yi, yareɛ o
Awoɔ nfasoɔ biara o
Awoɔ abɛseɛ me yafunu kwa o (2x)
Sɛ mekɔ akwantuo yi, yareɛ ni
Awoɔ nfasoɔ biara o
© Kontihene
Produced by Megastar





















I love this song, Noble Nketia is the best gospel singer.
I really like this song by Kontihene. I think some of the lyrics and chorus is borrowed from an old highlife song. Does anyone know about the song?
Ntow, I think I have heard the song too but I do not know the title. I'll be on the lookout, thank you for the heads up! I love this song by Kontihene though, it talks about the relationship between a son and his parents.
The parents talked to their son about living a good life, getting a job, comparing him to his mates, etc.
The chorus talks about how giving birth is tough because this particular son has failed his parents or has become a 'waste'. They go on to say birth has spoiled their stomach basically meaning they have suffered for nothing.
The child tells his parents not to compare him to other people because they may have been born with silver spoons in their mouth, etc.
oh ma goodness i love this song so much.
anytime i listen to it i feel like crying
so bad he's married
why did u marry so early
u shuld hav waited for me.
god bless noble and his love ones.
hope u come out wit another amazin tracks like dis one.
stay blessed!
can i burn the music?
Post new comment