View all from Philippa Baafi
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryGo highPhilippa BaafiTwi6:052Philippa Baafi2007
Verse 1 2x
Wiase sika pempem ntumi ntɔ nkwa
Yɛn ahonyadeɛ ntumi ntɔ nkwa
Ɛnti sɛ yɛwɔ sika pempem a, yɛnfa aseda mma deɛ Ɔma nkwa
Chorus 2x
Honam nyinaa fa aseda mma deɛ Ɔma nkwa
Ɛfiri sɛ yɛwɔ mpempem a, yɛn sika ntumi ntɔ nkwa
Nyame nkuto na Ɔtumi ma nkwa, na Ɔma nkwa o
Verse 2
Adeɛ kye anɔpa a, nyɛ yɛn nyinaa na yɛbɛkorɔ
Na sɛ adeɛ sa, nyɛ yɛn nyinaa na yɛsan ba fie
Ɛwɔ mu sɛ sika yɛ adeɛ nyinaa, nanso sika ntumi mma nkwa o
Ɛfiri sɛ yɛwɔ nkwa a, yɛnfa aseda mma deɛ Ɔma nkwa
Mese, sɛ adeɛ kye anɔpa a, nyɛ yɛn nyinaa na yɛbɛkorɔ
Na sɛ adeɛ sa, nyɛ yɛn nyinaa na yɛsan ba fie
Ɛwɔ mu sɛ sika yɛ adeɛ nyinaa, nanso sika ntumi mma nkwa o
Ɛfiri sɛ yɛwɔ nkwa a, yɛnfa aseda mma deɛ Ɔma nkwa
Repeat Chorus 2x
Verse 3 ![]()
Mewɔ nkwa tenten na mede Nyame ayɛ a, anka mepɛ
Sɛ anka menwu, menwu, na mɛyi Nyame ayɛ a anka mepɛ, mepɛ, mepɛ
Anka mepɛ o, anka mepɛ
Nanso amma no saa, ɛnam owuo nti
Me nkwa a, aka m'anim nyinaa, medebɛma deɛ Ɔma nkwa no
Nanso amma no saa, ɛnam owuo nti
Me nkwa a, aka m'anim nyinaa, medebɛma deɛ Ɔma nkwa no
Sɛ anka mewɔ nkwa tenten na mede Nyame ayɛ a, anka mepɛ
Sɛ anka menwu, menwu, na mɛyi Nyame ayɛ a anka mepɛ, mepɛ, mepɛ
Anka mepɛ o, anka mepɛ
Nanso amma no saa, ɛnam owuo nti
Me nkwa a, aka m'anim nyinaa, medebɛma deɛ Ɔma nkwa no
Nanso amma no saa, ɛnam owuo nti
Me nkwa a, aka m'anim nyinaa, medebɛma deɛ Ɔma nkwa no
Repeat Chorus till fade
(Yɛnte ase daa nkɔsi awieyɛ nti)
© Philipa Baafi
Produced by Kariphil productions
Video produced by Ohene Media












This is one of my favorite gospel songs of this year. Philipa Baafi, God bless you for this song and the lyrics, because it is the truth.
God gives life so we must show our appreciation to him.
Post new comment