Kwame Ghana - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  

Kwame Ghana
Enable Javascript and
Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Okyeame Kwame entries
M'awensem
Okyeame Kwame, Geore Spraxx, Sandy
Twi
5:47
7
Kwame Nsiah Appau
2008

Chorus 2x
Meewu o, Kwame Ghana, meewu o (merewu o, merewu o, merewu o) (2x)
Mese ehum bi atu, ama ɔsram ayera
Mframa bi afa ama nsoroma ayera
Me mma yi yɛnenam yɛnenam
Akɔhwibɔra yɛnenam yɛrebɔ yi
Merewu o, merewu o, merewu o, merewu o

Verse 1
Kurogyan bɔ me ti, besea hwɛ me se
Kɔɔbri fira me ti, adeɛ atɔ m’ani
M’ani abre sɛ biribi, mafɔn aka me ti
Nsa yi, matwitwa bi, me ne hwan, wabisa bi
Me ne Togo, Burkina Faso, Nigeria, Cote D’Ivoire
Guinea, Mali, Egypt, Benin
Ethiopia, Rwanda, Angola, Chad, Tanzania
Namibia, Libya, Morocco, Senegal, Mozambique
Kwame Ghana ni
Megyina bepɔ bi so na meretoto m’ani
Mehwɛ me mma, me mma yi, mmɔfra ne mpanyin
Mehwɛ no dinn, m’ani kɔtɔɔ ahenfie bi
Mese na afe yi, nea ɛrekɔso ni
Sɛnea ɔhene no atɔn asaseɛ baako ama nipa mmienu
Manso, asɛm no akɔ abɛsi ne so
Ne nsa sisi ne bo, na ɔretwi fa wɔn so
Nokorɛ da bama so, na yɛresi ko so

Repeat Chorus 2x lyrics from museke.com

Verse 2
Mabrɛ ne Oham, mereyɛ mabɔ dam
George, bɔ me dwom, bɔ me dwom, bɔ me dwom
Momma yɛnfa ɔdɔ mmɔ Ghana bra yie
Hey, abandwumafoɔ, adwadifoɔ, momma yɛnsɔ mu bi ɛ
Hey, afitafoɔ, ne ingyiniafoɔ, momma yɛnka mbɔ mu, hey
Ghana dɔktafoɔ, mo akatua yi, ɛyɛ a, yɛsrɛ mo ɛyɛ a
Monhu yɛn mɔbɔ, nhwɛ yɛn yie
Yɛn nsɛmtwerɛfoɔ, yɛsrɛ mo sɛ mongyae tɛkyerema na ntɔkwa yi so ntwa ei, hey
Ɛyɛɛ me ya, ɛkaa me nkwa a, nka ɔman yi ɛnyɛ yie
Mma mmɔfra ne mpanyin nyinaa ani ngye ei, hey
Buei, Kwame Ghana ei, adeɛ atɔ m’ani no

Seisei ara, megyina kwan ho na, merehwɛ adɛɛfoɔ a, ɔmoregyegye sika
Nkyɛn hɔ naa, mehu apobɔfoɔ a, wayere ɔbaa bi a wɔatia mu atia mu ara ɔnya mmoa, ei
Nti me mma yi de sika asesa ɔdɔ na
Etirimuɔden, abobɔfoɔ, hyehyɛ corner
Ɔsɔfoɔ pɔn, ɔntu fo pa, hyehyɛ kɔn mu a
De mpapa mu ba abusua mu, wobɛte na obi akum ne na
Megyina Kotoka, mmaa yi rebɔ me ka
Wawie sukuu wɔ America, ɛhɔ na ɔrekɔpɛ adwuma
Mɛyɛ dɛn na makɔ so, me mma yi nfa me ho
Ɔbɛtena ha mpo a, ɔbɛnya adwuma ayɛ ɔko
Mpanyinfoɔ a, ɛbɛboa, ma yɛakora sika
Dwen nea ɔbɛda, kaa kɔ ɔbɛba
Me ya mu ne me mma
Sika kakra bi a, yɛdebɛsiesie me, ɔno nko ara na wɔafa
Tikya retɔ nko, nkwadaa yi rebɔ nkuro
Manager ne secretary reto adonko
Wosɔ TV a, ɔbaa refe ɔbaa ano, ahh
Barima pɛ barima na aware no, hmm
Nnwomtoni a ɔbɛto nyansa nnwom no
Deɛ adwaman nnwom nko ara na ahyɛ n’ano
Afei monaato, ɔbaa ɔnni fie no no
Wobɛte na ne papa afa no

Repeat Chorus 2x

(Merewu o, merewu o, merewu o
Merewu o, merewu o, Kwame Ghana
Pɛsɛmenkomenya ne kɛtɛasehyɛ)

© Okyeame Kwame

 

Produced at Mbox Studios

Sarpong's picture

While people are excited about Gh rap and crunk hiplife, this is the song Ghanaians must be listening to. Okyeame Kwame is a smart man for making this song. We need more smart musicians like him. I love the chorus, Ghana is suffering, Ghanaians must stand up and do better. We need peace for this election.

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options