Kakayi - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  
  • Kakayi
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Kojo Antwi
    Densu
    Kojo Antwi
    Twi
    4:59
    http://youtube.com/watch?v=jTjsn_gY7HY
    Kojo Antwi
    2003

Verse 1
Deɛ ɔretwa san no a, nnim sɛ sɛ n’akyi akyea
Sɛ mayɛ wo bɔne bia
Ka kyerɛ me na mepa wo kyɛw
Mama no flowers nanso ɔse ɔmpɛ
Sɛ mayɛ wo bɔne bia
Ka kyerɛ me na mepa wo kyɛw

Wo bo afu me anaa?
Anaa sɛ me ho afono wo anaa?
Ɔdɔ rebɛgya me hɔ anaa?
Me dɔ rebɛkɔ na mada sɛn ni?

Manoa aduane nanso ɔse ɔnni e
Menhyɛ mpo ano anaa?
Menfa wo nhyɛ m’akyi anaa?
Mama no diamond ring nanso ɔse ɔmpɛ
Sɛ asɛm bi, sɛ asɛm bɔne bi na maka a
Ka kyerɛ me na mepa wo kyɛw

Chorus 2x
Ɛnnora na meyɛ wo hemaa
Ɛnnɛ deɛ madane kakayi ama wo
Ɔdɔ mpɛ me bio ano
Ɔdɔ bɛkɔ na mada sɛn ni
(Uuh, wobɛkɔ)

Verse 2
Deɛ ɔretwa san no a, nnim sɛ sɛ n’akyi akyea
Sɛ mayɛ wo bɔne bia
Ka kyerɛ me na mepa wo kyɛw
Mama no roses nanso ɔse ɔmpɛ
Sɛ mayɛ wo bɔne bia
Ka kyerɛ me na mepa wo kyɛw

Wo bo afu me anaa?
Anaa sɛ me ho afono wo anaa?
Ɔdɔ e
Ɔdɔ rebɛgya me hɔ anaa?
Me dɔ rebɛkɔ na mada sɛn ni?
Mada sɛn ni (2x)
Ɔdɔ rebɛgya me hɔ anaa? (2x)
Me dɔ rebɛkɔ na mada sɛn ni?
Ɔdɔ, wompɛ me bio anaa?
Ka kyerɛ me ɛ
Ɔdɔ rebɛkɔ na mada sɛn ni?
Ah ah ah ah
Menfa tiri ne watewate nkɔhyɛ mu ansaana woahu sɛ
Medɔ wo o, medɔ wo o, medɔ wo a

Me dɔ rebɛkɔ na mada sɛn ni?
repeat till fade

© Kojo Antwi

:

Watch the Kakayi video by Kojo Antwi

Listen to Kakayi by Kojo Antwi

 

Produced by Freedom Family

Swazibella's picture

One of my fav Antwi songs, this just made my day.

Thank u.

http://swazibella.blogspot.com.

Anonymous's picture

I love the words...Its as if he's singing directly to me :-D

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1113.14