Twe wo ho - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •  
  • Twe wo ho
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Obrafour
    Asem Sebe
    Obrafour, Okyeame Kojo Kumi
    Twi
    5:44
    8
    http://www.youtube.com/watch?v=qByNyuu6WcA
    Michael Kwabena Okyere Darko
    2001

Mese asɛm bi aha me, mɛka
Asɛm bi aha me (2x)
Asɛm bi aha me, mɛka, mɛka, mɛka, mɛka

Verse 1
Ka ma no nfiri wo bo, pae mu ka o
Ka firi wo bo
Tie, nokwarɛ yɛ ya, nanso ɛwɔ sɛ meka
Na me dɔfo paa, ɛne Rita
Neɛ ɔpɛ, mɛyɛ, ahodeɛ ne sika
Mahwɛ n'abusua, ama ɛbi aka ne nana
Menam bɔsuo mu rebrɛ na woada
Meteeɛ na ɔresi dan wɔ Bantama
Ɔdɔ ne m'adamfo bi ayɛ Kanana
Matɔn m'akoma ama ɔbonsam ankasa
Jack gyae, wo deɛ twɛn, na mereba
Nyɛ nsɛm mpo nyinaa, na mepɛsɛ meka
Deɛ akɔ m'ani, kyɛn mmɔhu ne mmisa
Medwen ho a, na mabɔr, na me turkey aba
Nsɛm no, merebɛhwie agu hɔ yɔɔ
Nsuo taa apɔnkyerɛni a, ɔgye woɔ
Mehyiaa no memeneda, Decemeber 24
Awia ketekete bi wɔ Odorkor
Na awuraba yi agye n'apampam store
Ɔtɔn gyeene, koobi and many more
Ɛnfa me ho, ɔdɔ nti, mese mɛhwɛ no
Medeka, atɔ kaa, de nsesa, san de m'akoma ama no
Agya mpanyin se, yɛto kwadu a, yɛgya mpɔn
Menkɔte nkɔte a, yɛse mede me to rebɔ adwe
Ɔdɔ yɛwu pɛsɛ ɔto me kwanhwii
Bɛhwɛ, ɔde 'A' rebɛdane me 'B'
I swear, papa nyɛ hwee a, bɔne nso nyɛ hwee
Mempɛ ne totoo, mempɛ ne nnoa
Kɔ, mabrɛ, nipa menyɛ aboa
Nipa nyɛ aboa
Aaba, nipa nyɛ aboa
Asɛm yi aboro me so o
Ɛnti sɛɛ na wiase, nipa nkyɛ na newirɛafi o

Chorus 2x
Ebei, twe wo ho ɛ, mese mabrɛ
Sɔfoɔ a, me ho mmɔ me ho so
Asɛm a, ɛha me yi, mɛka no prenpren

Verse 2
Ɔbrafoɔ, to wo bo
Ma mensɔ wo so
Barima bi reblɔfo ɔbaa bi so
Dɛdɛ ayɛyie, ɛne sumina so
Wonni bi, na w'ano dɔkɔdɔkɔ te sɛ woɔ
Magye wo ntaataa ama wayɛ nipa foforɔ
Ɛnnɛ m'aseda ɛne sotorɔ
W'ahoɔden abɛdwa a, kɔhyɛ ɛfuo bi ase dɔ
Ei, saa na woteɛ, neɛ woahu no deɛ
Wo ne me te sɛ nkatenkwan ɛne abeteɛ
Ahyɛaseɛ no, na wonni kotoo
Ɛnnɛ wo nsa asɔ w'akyi, mekasa a, woto blow
Oh, Kwabena, sɛ, woansusu wo saa
Ɔdɔ saa, na ato adapaa
Gyae ahunahuna ɛne patapaa
Wopɛ nkwan pa a, kɔdi paa
Takɔbɛdi, sagaa
Asɛm bi nti, na bata bɛdi bata
Ɛnga maga gyae, nyɛ ne tipɛn ɛne Tarkwa
Akos e, kakyerɛ no ma me sɛ, akwantuo a, yɛretu yi, ɛnyɛ patapaa
Woama meahu sɛ, mmarima mu gu ahodoɔ
Okyeame Kojo Kumi, asɛm yi abɔ me so
Ɛyɛ na merekasa ho a, na m'ano repopo
Ɛnti sɛ na wiase, nipa nkyɛ na newirɛafi o

Repeat Chorus 2x

Verse 3
Yo, na this one bi pure ɔdɔ pilolo
Mede me tirim mu dwen, guan, asikoto
W'adwen, daabiara wohu me ɔkwaadonto
Yɛahyɛ me mmaa kaba, ɛtrotrontro
Seleewa, bɛtwa kɔ, meyɛ titiinto
Wodeyɛɛ me a, mansu nti, wose ɛnyɛ me ya
Aane, aben, ɛho adwo, bra bɛfa
Woala, wokaasɛ yɛnakoto a, yɛda
Woankasa dwene ho, ɛnnɛ mmerɛ mu boy ɛ boy
Ntomtom mpo se, ɔnsuro mosquito coil
Panyinmu te sɛ me na worebɛyɛ me toy
Me, this time, you dey loi
Akosua, wo nso saa na ɔbɛyɛ a, yi no fly
M'adamfo no no, ɛnfa me ho, ɛyɛ ne suban line
Me nuaba, tie tie, ɛntwe no tiintan
Kyerɛ no ewiase nkyɛ na nipa wiefi
Mfitiaseɛ, m'ani tua wo, na wonni bi
Ɔbaa kobrɛ, bɛbanoa ma wodi
Ɛnnɛ Kwaku se, ne nsa asɔ n'akyi
Awurabena kɔka a, na twɛdeɛ hyɛ ntoma mu
Yɛkaayɛ, etua wo yɔnko ho a, etua dua mu
Awura, mese asɛm yi bɛha wo a, dwidwa mu
Kanea no shade no mu ayɛ fi a, yi n a pepa mu
How, adɛn nti na ɛwɔ sɛ wobu me kwasea
Yi no si Amakom, simple and tiatia
Ɛmma no nni w'akyi ɛnkɔdwuru
Kejetia Ɔyɛ private a, wo nso woyɛ commercial
Ɛdeɛn ni, ɔdɔ wei yɛ too artificial
Ma no nkɔ, anya antɔ a, anya antua

Repeat Chorus till fade
Ebei

© Obrafour

:

Watch the Twe wo ho video by Obrafour

 

Produced by 1st Class Ent

The video featured Reggie Rockstone, Okyeame Kojo Kumi and Obrafour playing a game of draughts/dame

OGB's picture

Love the raps on this song, great song by Ghana's best Obrafuo

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

2160.47