View all from Ama Boahemaa
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryAwurade wo ba ekoAma BoahemaaTwi5:354http://www.youtube.com/watch?v=HF0azIJJoJkAma Boahemaa2004
Chorus 2x
Ɛnyi me mma o
Awurade ei, ɛnyi me mma, wae
Nfa me nkɔto amanehunu mu
Ɛfiri sɛ wo ne boafoɔ
Verse 2x
Awurade, wo ne me boafoɔ
Awurade, wo ne guankɔbia
Sɛ wonni mu a, mensɛ nipa o
Sɛ wonni mu a, menyɛ obia
Hu me mɔbɔ sɛ nea w’adɔɛ teɛ no
Kae me sɛ nea w’ahumɔbrɔ teɛ no
Ao, me Nyankopɔn ei
Kae me sɛ meyɛ wo ba bi wae
Adeɛ rekɔkye a, nsɛmnsɛm yi
Adeɛ rekɔkye a, ɔhaw yi
Adeɛ rekɔkye a, amanehunu yi
Awurade wo ara, ne merehwɛ wo o
Nipa biara ntumi mmoa me o
M’anidasoɔ ara ne wo, ah
Me tipagyafoɔ ara ne wo
Kae me sɛ meyɛ wo ba bi wae
Repeat Chorus 2x
Verse 2
Awurade, me kotosrɛ nyinaa da w’anim
Sɛ wonni mu a, menyɛ obia (2x)
Meny obia
Awurade ei, sɛ wokyekyɛ ɛbinom bi nso a
Awaurade ei, ɛyɛ a, kae me o
Papa ei, ɛyɛ a, kae me o
Awurade ei, m’asohwɛ repare me ɛ
Awurade ei, ma no npare me o
Dadaa Nyame ei, ma no npare me o
Awurade, metwa m’ani a
Awurade, w’anim ara na ɛtoɔ nti
Papa Yesu ei, gye me so ɛ
Kae me sɛ meyɛ wo ba bi wae
Awurade, m’abrabɔ
Repeat Chorus
Awurade wo ne m’anidasoɔ o
Awurade ei, me boafoɔ ne wo
Awurade Nyame, mesrɛ wo wɔ abrabɔ yi mu wae
© Ama Boahemaa
Watch the Enyi me mma video by Ama Boahemaa
Produced by













Post new comment