Aden nti na woresu yi - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  
  • Aden nti na woresu yi
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Christiana Love
    Holy Ghost International Vol. 1
    Christiana Love
    Twi
    5:46
    1
    Christiana Love
    2004

Halleluyah
Nyame yɛ dɛ
Dane, dane wo ho ɛ
Soreɛ, soreɛ

Chorus
Adɛn nti na woresu sa
(Adɛn nti o)
Wowirefi Yesu anaa
(Gyae su)
Ɔbɛgye wo
Jesus (Daddy) bɛgye wo a
Ɔbɛgye wo
Ama woahu n’anuonyam
Ɔbɛgye wo
Jesus (Daddy) bɛgye wo a
Ɔbɛgye wo
Ama woahu n’anuonyam

Nyame yɛ dɛ o

Verse 1
Wo su bɛdane wo sere o, me nua ei
W’awerɛhoɔ bɛdane anigye o, me nua ei
Ɔbɛgye wo o, ɔbɛgye wo a
Ama woahu n’anuonyam
Wo su bɛdane wo sere o, me nua ei
W’awerɛhoɔ bɛdane anigye o, me nua ei, me nua ei
Ɔbɛgye wo o, Yesu bɛgye wo a
Ama woahu n’anuonyam
Ɔbɛgye wo o, ɔbɛgye wo a
Ama woahu n’anuonyam

Ɔgyina ɔpono no akyi, ɔpono akyi rebɔ mu o
Sɛ wobɛhene Yesu anaa
Ɔbɛba mu o, ɔbɛba mu a
Ama wɔabɛyɛ wo awaawaatuu
Ɔgyina pono no akyi rebɔ mu o, me nua ei, me nua ei
Sɛ wobɛhene Yesu anaa
Ɔbɛba mu o, ɔbɛba mu a
Ama wɔabɛyɛ wo awaawaatuu
Ɔbɛba mu o, Yesu bɛba mu a
Abɛyɛ wo awaawaatuu

Repeat Chorus

Verse 2
Wɔama awufoɔ mpo asɔre o, me nua ei
Na asosifoɔ ate asɛm
Ɔbɛgye wo o, Yesu bɛgye wo a
Ama woahu n’anuonyam
Wɔama awufoɔ mpo asɔre o, me nua ei
Na asosifoɔ ate asɛm
Ɔbɛgye wo o, Daddy bɛgye wo a
Ama woahu n’anuonyam
Ɔbɛgye wo o, ɔbɛgye wo a
Ama woahu n’anuonyam

Ɔgyina ɔpono no akyi rebɔ mu o, me nua ei
Sɛ wobɛhene Yesu anaa
Ɔbɛba mu o, Yesu bɛba mu a
Ama wɔabɛyɛ wo awaawaatuu
Ɔgyina ɔpono no akyi rebɔ mu o, me nua ei
Sɛ wobɛhene Yesu anaa
Ɔbɛba mu o, ɔbɛba mu a
Ama wɔabɛyɛ wo awaawaatuu
Ɔbɛba mu o, ɔbɛba mu a
Ama wɔabɛyɛ wo awaawaatuu

Repeat Chorus till fade
Ɔyɛ Onyame a
Gyae su
Gyae awerehoɔ yi di a
Yesu tumi ade nyinaa yɛ

© Christiana Love

 

Produced by

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

3118.82