View all from Okomfour Kwaadee
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryMetoasoOkomfour KwaadeeTwi5:562Jerry Anaba2003
Chorus 2x
Adwoa yɛ me yere, Yaa yɛ me mpena
Obiaa hwe me nkwandɛ a
Hwan na menware no o, hwan na mengyae no o
Verse 1
Adwoa, piin me ha, piin me ha, piin me ha
Woyɛ me yere, me nfe
Wo ara na woda m'akyire, wohwɛ m'akyire,
Biribi ara nie a, wohwɛ no yie
Asɛm a, mereka yi, tie ne yie
Ɛma no nha wo o, hwɛ na woansu o
Oh oh, ɛɛ, old timers
Ɛno ara na na ɛkorɔ, seesei atwam
New new, ei, new timers
Ɛmmaa wei, ɛyɛ mogya mono, awosoɔ na ɛwɔ soɔ
Wayɛ maame, wayɛ mmrɛ
Wo deɛ, ma me kwan na mentwe mpena, menkaa sɛ magyae wo
Woyɛ ɔbaa bi a, wobu adeɛ, wo san suro adeɛ
Ɛmmaa sɛ wo, na yɛwaare wɔn
Wo nkodaa brɛ mu, na wobɔ nkuro
Wonim ade yɔ, yɛatete wo, yɛasan agoro wo mmra
Aka adeɛ baako pɛ
Ɛmmerɛ redane a, dane wo ho
Yɛrebu yɛn mu a, bu wo mu
Ɛnyɛ saa, Maadwoa, wakyɛ
Ɛmaayewa ataadeɛ yi hyɛ bi, life yi, bɔ bi
Woreyɛ aka dan mu, ɛyɛ a, pie
Repeat Chorus 3x
Verse 2
Yaayaa, ɔbaa Yaa, gyae saa
Akwadaa ketewa a, woregu m'awareɛ yi
Wo deɛ daabia wo nie, daabia, yɛnpie
Woasɔbre n'ano, wɔregye
Meka sɛ mentua, meboa, metua mmɔ ho
Tonoo, twa a, ɔretwa ne ho
N'atadeɛ da ne ho, ne spray agye ne ho
Woagyinagyina mu, shining shoe, wafa ne ho
Ɔrebɛfa me akɔpira me, akɔdaa bɔnee
Ɔse yɛbɛkɔ niteclub, yɛbɛko Foxtrap
Asa a abasoɔ, ɛhɔ na yɛsa noɔ
Bɛhwɛ awosoɔ ne mmɔsoɔ papa bi
Ɔhuri si ha, na wawoso, ɔsi ha, na wapete
Akwadaa no deɛ, ne hoɔ hare o
Ɔyɛ ɔbaa bi a, ɔtumi ne hɔ
Ɔbaa bi a, ɔbu ne mu
Mpa mu deɛ, mɛyɛ mɔbɔ, petrepetre, menhu hwee
Nayɔɔ, akwadaa wei, manhwɛ yie a, ɔno ara na ɔbɛku me ɛ
Preemanii baa, obiara ate ne nka
Mobile phone girl, Kingsway girl, A-life girl, fried rice girl
Me yere Adwoa, ɔte fie, wirless ɔnni bi
Me yere Adwoa, ɔte fie, ɔhyɛ adekodown
Me yere Adwoa a, ɔte fie no, wireless ɔnni bi o
Repeat Chorus 3x
Verse 3
Adwoa yɛ me yere, Yaa yɛ me mpena
Me yere anaa me mpena, hwan na menware no
Me mpena, kɛtɛ bɔne na ɔnim sɛ
Ɔmmu adeɛ, bra bɔnee na ɔnim bɔ
Ɔbɔ me ka, daabia ɔbewe cornered beef
Ɔbɔ me ka, mpaboa mono, ntaade mono, mabrɛ
Ɔbɔ me ka, mobile phone ɛne units
Phone yi a, metɔɔ maa no, ɔsan nfa nfrɛ me
Me yere, ɔyɛ tebɔɔ, me yere, ɔyɛ bɔtee
Mekae, mekum apɔnkye, apepemkankan
Ɔdebɔɔ nkwan na nkwan ampa, na ɛwɔ mpanpan
Saa nkwan no gyee me nsa, ɛnna nnan
Ɛnnɛ yɛ ɔpako, yee, ɔpako
Magyae Yaa, afei mɛware Adwoa
Magyae Yaa o, ɛnnɛ mɛware Adwoa
Repeat Chorus till fade
© Okomfour Kwaadee
Play, forward through and watch the Me yere ne me mpena video by Okomofour Kwaadee
Produced by













"Wonim ade yɔ, yɛatete wo, yɛasan agoro wo mmra
Aka adeɛ baako pɛ
Ɛmmerɛ redane a, dane wo ho"
Jack, Kwaadee is funny paa, and the video is funny too, it says what is in the song.
Adwoa ye me yere, Yaa ye me mpena, love this song. kwaadee is always keeping it real
Post new comment