Yaanom - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •    •    •    •  

Yaanom
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Obrafour entries
Pae mu ka
Obrafour, Cy-Lover
Twi
4:39
6
Michael Kwabena Okyere Darko
1999

Chorus 3x
Ghanafoɔ mommra mmetie
Ɔhene foforɔ bi ɛpue
Wei deɛ ɔyɛ ɔkatakyie
Gyamera ɔfiri ahenfie
Yaanom, (yaanom), montie (montie)
Ɔbrafoɔ, (Ɔbrafoɔ), me nie, (ɔnie)
Yaanom, (yaanom), montie, (montie)
Ɔbrafoɔ, (Ɔbrafoɔ), me nie, (me nie)

Verse 1
Weɛ, nwoma ni mu
Kratafa a, adikan
Mo nyinaa monweɛn moaso
Ɔbrafoɔ bɛkenkan
Mebrɛ mu anigyesɛm
Ɛnkɔ nkɔtwe sekan
Rap mu abakan
Mese m'adi mo kan
Ghanafoɔ, montie
Mede new flavour aba
Meyɛ super power
Ɛno nti ma me akwaaba
Ɔbrafoɔ, Ghana rap sɔfoɔ
Mehyerɛn te sɛ ɔbɔfoɔ
Meyɛ bue, firi yɛpuee
Ɛno nti na first day no, mekaa no plain
Montu mmrika nkɔ kakyerɛ nikaboka
Mese ɔyɛ local
Ɛnnɛ mɛma n'abɛn n'ɛgu
Ɛnyɛ ha na yɛbɛyere atwɛdeɛ abɔ ntɔkwa
Ɛnka meyɛ wo less
Overall, me strategy tesɛ Bazooka
First round, mɛyɛ wo down
James Brown, I feeling good, la la la la
Rap Heavyweight champion
Metua town
Medefende me crown
Daa daa, mɛbɔ mo sɛ nkudaa, pampanaa
Ɔbrafoɔ bisa mu nyinaa sɛ mo ada anaa
Mmrɛ a, na m'ayɛ krado sɛ mɛgyegye mo ntaataa
Awoawoa tuu, ehe tiɛn, akyuu
Wose woyɛ tycoon
Kwaku Agyei, mankrafuu
Wo ne w'adanfo no, kakyerɛ no Sɛ mempɛ sɛ me ne no yɛ gidigidi
Me biribi ara bɔkɔɔ, wo deɛ, w'asɛm ka yɛ biribi bi
Ɔbaa yi ɔyɛ pretty
Ɔredi ne sika papa bi
Ɛmmɛ ha no ne wo cedi cedi
Ɔno ara na ɔse ɔpɛ me
M'abrabɔ, me nkɔmɔbɔ ɛne me dɔ akɔ no square
Akowura n'akoma mu, ɛnti n'ani so ayɛ no clear
Ɔrejiggyjiggy te sɛ Fresh Prince of Bel Air
Ɔbaa nyɛ, kwɛ, ɔnyɛ

Repeat Chorus 4x

Verse 2
One, kung fu, hiyaaa
Sɛ mestrike a, wontumi nyɛ me April fool
Kyerɛ me, who is who
Ansaa na mayɛ wo atuu
Me ara ne the ruler
M'adamfo ne Memuna
Ɔyɛ me krakye krakye, nkranni bɛ seɛ, Owula
Adɛn? wongye me ndi
Me ara me ni, me ne me ni
M'ani abre nti hwɛ m'ani
Mayi wo ahi
Mɛkyerɛ wo sɛ mete Hausa
Me nini, me nini, baa ko mi
Wontumi nne me nyɛ rat race
Upon deɛ wowɔ nyinaa
Ɔbrafoɔ se, mentee wo case
Mɛdikan ɛbooko place
Ɛno nti wodi m'akyi a, wobɛyɛ mɔbɔ, wonhu so
Wo ho bɛwe for forty days
I dare you, I dare you
Chale, you go hala
Ɛmaa bɛdaadaa wo sɛ Samson ne ne yere Delilah
Wobɛdi otum kala
Your last stop, woanhwɛ yie a
Wobɛyɛ Lalasulela, Cinderella
Maka no nfitiasew no sɛ wo deɛ, woyɛ toke
Unnecessary spending bebrebe nti wayɛ broke
Afei deɛ wohwɛ moke
Maka, mɛsan aka
Wei deɛ mese atɔ me lie, woadry
Ɛnti kɔ fie na kɔ try
Ɔbaa foforɔ, wo ne w'adanfo Sly
Why, me ne me dɔfo asɛm
Wobɛka bi a, wobɛyɛ third person
Ɛnti merebɔ ɔdon mereka akyerɛ wo sɛ Change blessing
Stop, look, listen
Gyina hɔ ma menmmɛsen
Ma menka nkyerɛ wo, wontumi nne me nyɛ pɛ da
Adɛn woada, hwɛ wo shada
Anaa sɛ bisa Dada
Ɔbɛma wo ahu sɛ
Ɔbrafoɔ, meyɛ feeling brother
Ghana mmaa, Ghana mmaa, moyada

Repeat Chorus 8x

Verse 3
Agorɔ no aba wo kuro mu
Nkɔ nkɔtetɛ ntɔkuro mu
Obiara ntete ne bɔtɔ mu
Wodi aduane no anyɛ wo dɛ a
Ɛfiri wo dɔdɔ mu
Ɔbrafoɔ, mekita rap safoa
Obi bɛkasɛ meboa
Tu mmrika bɛhwɛ, ɛnyɛ ntoatoa
Bole, Tamale, Kade, Takoradi, kɔsi Kasoa
Mo nyinaa, monyɛ ahoboa
Ɛfiri sɛ nea medereba no deɛ, montumi nsoa

The Last 2

© Obrafour

:

Yaanom video - Obrafour da Executioner

 

Produced by Noize records

Sarpong's picture

This is one of the best raps ever. Obrafour is gooood, best lyricist ever, I don't think anyone can argue about that.

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options