Anyen (devil) remix - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •    •    •    •    •  

Anyen (devil) remix
Enable Javascript and
Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Obour, AB Crentsil entries
Best of the Lifes - Hiplife meets Highlife
Obour, AB Crentsil
Twi
6:20
3
Bice Osei Kuffour, A. B. Crentsil
2007

Hook
You devil, go away from me (3x)

This is the new national anthem
For Ghana's golden jubilee

Kwabena Bour, A. B. Crentsil
Hiplife meets highlife
We are calling it the best of the lifes
Say people, are you ready

Verse 1
Hwɛ, wokaasɛ menyɛ no gidigidi mma mɔ
Menyɛ no fɛfɛɛfɛ, dɛdɛɛdɛ mma mo
Menyɛ mma no nyɛ wo dɛ na wabɔ wo nsa mu
Na waka sɛ Kwabena Bour asan ayɛ no bio
Wei nyɛ AB nnwom, wei nyɛ Obour nnwom
Na emom, wey yɛ ɔman Ghana nnwom
Monto ngu so, monsa, monfom
Monhuri, monsesa, monsɔ mu
Kasahare acrossing the highlife
Yaka abɔ mu, yɛfrɛ no hiplife
Apam dada aka ahyia apam foforɔ
Ɛno na ɛkorɔ
Ɛno na, ɛno na ɛduru soɔ
Ɛno na yɛtoɔ
Ɛno na, ɛno na ɛbɔsoɔ
Ɛno na yɛtworɔ
Ɛno na, ɛno na ɛwosoɔ

Kasahare acrossing the nɛɛmafoɔ
Hiplife, that is my life

Sɛ ɛwɔ anyɛn a, fa yɛ adze papa
Mese, w'anyɛn yi a (come on, yeah) fa boa wo mma
Mɛnfa nsɛe nkrɔfo mma o
Alola bi sɛ wo a, yoo

Sɛ ɛwɔ sika a, fa yɛ adze papa
Wo sika yi a, fa boa wo mma (yasesa mu)
Mɛnfa nyɛ mansotwe o
Onipa bibinii e, o

Adasa mma e, wɔntsei me o
Adasa mma, mese, wɔntsei me o
Onyame abɔ yɛn, yɛaba wiase mu a
Abonsam ne tumi dɔɔso ntsi (Lucifer)
Woama yɛn anyɛn, yɛnfa nyɛn yɛn ho
Ɛbinom dze wɔn anyɛn, wodze sɛe adze o (wicked people)
Ɛbinom nso, wɔn anyɛn yi a, anyɛn papa
Wodze yɛ adze yie (family tree entertinament)
Kwasi Broni anyɛn a, anyɛn papa e (beginning, best of the lifes)
Ɔdze ahyehyɛ ɛroprɛn
Sɛ ɛnam mu a, na w'aniwa agye o, kɔ ntɛm, bra ntɛm
Ɔdze ahyehyɛ train (chuku chaka, chuku chaka)
Sɛ ɛnam mu a, na w'aniwa agye o, kɔ ntɛm, bra ntɛm a
Obibinii n'anyɛn a, ɔdzeyɛ ahurukadze (ɔbɛkɔ n'akyiri)
Ɔhunu dɛ ne yanko nya nkɔso pɛ (hiplife)
Ɔse, akoa yi a, (wedding with highlife)
Mɛyɛ no ma woafa ne ho tam ae
N'aniwa afira, wɔaye bubuafo
Ɔnka nya sika ara da

Anyɛn (7x), ei

Verse 2
Ɛna noo, Agya Kwapa akɔ manso
Ɔde nanso akɔtwe manso
Ɛnyɛ anyɛn yi biara na ɛyɛ abeyifoɔ
Na emom, anyɛn, yɛwɔ emu ahodoɔ
Ɛbi deɛ yɛ, ɛbi nso yɛ asɛefoɔ
Ɛbi de kɔm, ɛbi nso de kɔ di asɔfoɔ
Kwasi Broni anyɛn, ɛyɛ anyɛn foforɔ
Ayɛ wiemhyɛn ne ɛkosoɔ ahodoɔ
Hello, telephone and the microphone
Megyina abɔnten na merekasa, mobile phone
Pronto, pronto, hello, hello
Bibini anyɛn, yɛ mmɔtoguo
Meka sɛ mereka a, ɛbi a, makɔ bɔ musuo
Akosombo dam bɛwe ahyɔɔte nsuo
Nti saa na yɛteɛ, saa na yɛpɛ
Yɛn nso yɛyɛɛ yie kakra a, nka ɛnyɛ
Pɛsɛmenkomenya ɛne anibrɛ
Ahoɔyaa, obi akɔ asɔre
Ne yɔnko ho akyere no, nso na ɔresere
Adeɛ yi wɔ hɔ ma yɛn nso na ɔrepre
Ɔno no, ɛsi Ataa Fante
Awie keteketee na ɔrekyante
Twiri fɔm, na ɔhwɛ soro
Due, due, due, mante, mante
Biribi bɛyɛ yie a, gye sɛ wɔante
Anadwo kɔn kɔn kɔn, ɔrekante
Ama Adoma, hwan na wode no reba
Me ara me neighbour, Kwaku Jantua
Mɛma n'afu adoa, te sɛ bentoa
Me ne no nyaa akasakasa, wɔatwe pentoa
Ɔman yi bɛyɛ yie a, ɛgyina, me ne wo ara
Wɔnsɔ mu, wɔnsɔ mu, wɔn ara ne nipa
Me ne wo, yɛnfa y'anyɛn nyɛ ade papa
Yɛnyɛ ne bɔkɔɔ, yɛnyɛ deɛ ɛfata
Wo hia dɛ yɛ yie a, adwuma na ɛyɛ bɔlata
Esi nso so, ɔkɔ ka a, wadane ntɔkwa
Wo ala, wo ala, wo ala, ɛyɛ anyɛn
Wo ala, wo ala, wo ala, ɛyɛ alala a
Wo ala, wo ala, ɛyɛ ogya ɔredɛr a

Alola bi sɛ wo a (2x)
Alola bi sɛ wo a (2x)
Alola bi sɛ wo a, woo woo
Alola bi sɛ wo a (2x)

Come on now
Can you feel this one
Kwabena Bour, AB Crentsil
Best of the lifes
Hiplife meets Highlife

Repeat Hook ad lib

Yaya hoo yaya
This is my year
Ma me kwan, menmmEsen
Say, stop, look, and listen
Say people, are you ready
People, are you ready
Say, Kwabena Bour and AB
Say, yayaya yaya hoo yaya
Say, yayaya yaya hoo yaya
Say, this is my year
Ma me kwan, menmmɛsen
Say, stop, look, and listen
Say people, are you ready (2x)

© A.B. Crentsil, Obour

:

Listen to the Anyen (devil) remix song by Obour, A. B. Crentsil

 

Produced by Soul Records

MyDestiny's picture

Love-me-some 'Anyen remix'..
Especially how Obuour rapped to da beat(rhythm)..
Da lyrics make me laugh everytime i hear it..how out-of-place my sense of humour can be!

very interesting lyrics about both -ve & +ve attitude towards development..certainly spot-on..
Neva knew da original 'Anyen' came out da same year i was born..was still getting some airplay when i got to JSS.

Tenk you Obuor..so if Esi isn't a witch then she's troublesome at work abi?? Ama Adoma shall deal wif ya well well..

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options