View all from Obibini Takyi
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryAkosombo KaneaObibini TakyiTwi5:14Obibini Takyi1980
Chorus 2x
Akosombo nkanea, ah ah
Akosombo nkanea, ɔdɔ yɛwu ara na me ne no bɛwu
Ɔdɔ yewu, wo na mɛwu ama wo o
Hmm hmm, Akosombo nkanea
Ɔdɔ yɛwu ara na me ne no bɛyɛ
Verse 1
Sɛ, ɛnyɛ Akosombo kanea a
Adeɛ sa a, na agorɔ agu
Akosombo kanea yi
Adeɛ rebɛsa ama agorɔ asɔ o
M'akosombo kanea
Me dɔfo boafoɔ ei
Akosombo kanea, na ɔdɔ yɛwu ara na me ne no bɛyɛ
Sɛ, ɛnyɛ Akosombo kanea a
Adeɛ sa a, na agorɔ agu
Akosombo kanea yi
Adeɛ rebɛsa ama agorɔ asɔ
M'akosombo kanea
Me dɔm Kwaku Fori
Me dɔfo boafoɔ ara na me ne no bɛwu
Ewiase ɛnyɛ nipa nyinaa ɛna anya ɔdɔ pa
Ɛnti ɔdɔ pa a, wobɛhyia no o, ɔno ne w'akosombo kanea
W'ani bɛgye a, ɛfiri ɔno ara
Wobɛnya nkɔsoɔ a, ɛfiri ɔno ara
Ɔno ne w'awerɛkyekyefoɔ, hmm
M'akosombo kanea
Akosua Agyeiwaa Kordie ei
Akosombo kanea, na ɔdɔ yɛwu ara na me ne no bɛyɛ
Repeat Chorus
Verse 2
Me yɔnko Charlie Pee
Woabie Ghana bar ɛwɔ Belgium
Wo ne m'akosombo kanea
Me ho kyere me a, ɛyɛ a, boa me, woate
Onipa a, ɔbɛboa wo ama wo nsa akɔ w'ano no
Deɛ asɛm to wo a, ɔbɛboa wo
Ɔno ne w'akosombo kanea
Ofosu Yeboah Abranteɛ
M'akosombo kanea, Nana Otuo Akyeampong
M'akosombo kanea, Big Sir Foro
Wo ne wo yere, Ɔbaa Mercy
Mo ne m'akosombo kanea
Akua Brobbey Abanaba, Kwaku Mari Agyapaɛ
M'akosombo kanea, hmm
M'akosombo kanea, adeɛ a mesuna me paneɛ
M'akosombo kanea, na ɔdɔ yɛwu ara na me ne no bɛyɛ
Repeat Chorus till fade
© Obibini Takyi
Produced by













you guys are crazy. Akosombo kanea? nostalgia at its best
Post new comment