Mmofra ei (yi) - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •  
  • Mmofra ei (yi) View all from Noble Nketsia
    Noble Nketsia
    Mmofra yi
    2005
    Noble Nketsia
    Twi
    8
    5:47

Verse 1
Sɛ meto m'ani hwɛ mmɔfra yi
Meto m'ani hwɛ nkwadaa yi
Wɔn nenam basabasa yi
Mebisa me ho sɛ, hwan koraa ne wɔn awofoɔ
Na mese hwan koraa na ɛbɛbɔ wɔn mmoa
Ɛbi nni agya, ɛbi nso nni ɛna
Na mese medwen wei ho a
Ɛyɛ a, na me ya mu hyehye me

Fa no sɛ wo ba bi (fa no sɛ wo ba bi)
Ɛnti worebɛhwɛ no saa ara
Fa no sɛ wo ba bi (fa no sɛ wo ba bi)
Ɛnti wobɛgyae no ama no ayɛ sei

Chorus
Monte mo ani nhwɛ mmofra yi
Monte mo ani nhwɛ nkwadaa yi
Monhu wɔn mɔbɔ
Monfa ɔdɔ
Ɛfiri sɛ, mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o

Monte mo ani nhwɛ mmofra yi
(Ɛnti mesrɛ mo sɛ)
Monte mo ani nhwɛ nkwadaa yi
(momma mo ani nkɔ mmofra yi ho o)
Monhu wɔn mɔbɔ
Monfa ɔdɔ
Ɛfiri sɛ, mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o

Verse 2
Mmofra biara ho hia
Wɔn mu biara nso wɔ nfasoɔ
Nipa bi wɔ hɔ a, ɛyɛ dɛn ara, wɔnbɛhia mmoa yi
Ɛyi nyinaa yɛ asɛdeɛ sɛ
Momma yɛn ani nkɔ mmofra yi ho
Yɛnmma wɔn nteteɛ pa
Sɛneɛ ɛbɛyɛ a, mmofra yi nso bɛnyini ayɛ mpanin pa

Fa no sɛ wo ba bi
Ɛnti worebɛhwɛ no ama no ayɛ sei
Fa no sɛ wo ba bi
Ɛnti wobɛgyae no ama no ayɛ sei

Chorus
Monte mo ani nhwɛ mmofra yi (monte mo ani o)
Monte mo ani nhwɛ nkwadaa yi (monhwɛ mmofra yi)
Monhu wɔn mɔbɔ
Monfa ɔdɔ
Ɛfiri sɛ, mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o

Monte mo ani nhwɛ mmofra yi (monte mo ani o)
Monte mo ani nhwɛ nkwadaa yi (monhwɛ mmofra yi)
Monhu wɔn mɔbɔ (monhu wɔn mɔbɔ)
Monfa ɔdɔ
Ɛfiri sɛ, mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o

Verse 3
Hwan na koraa na ɛbɛnya aso
Hwan na koraa na ɛbɛtie me
Mo mu hwan na ɔwɔ tsema
Mese, tsema ma mmofra yi
Mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o
Momma yɛnya ayamuhyehyeɛ
Mmofra yi ne yɛn daakye o
Mmofra yi ne yɛn daakye o

(Fa no sɛ wo ba bi)
Mmofra yi
Momma yɛn mmoa mmofra yi

Repeat Chorus till fade

Ei, me man mma
Mesrɛ mo ara sɛ
Monte mo ani nhwɛ nkwadaa yi
Mesrɛ mo o

© Noble Nketsia

:

Watch the Mbofra yi video by Noble Nketsia

 

Produced by Family Tree Entertainment

Birago's picture

I LOVE THIS SONG!!
everybodi shud listen to this!!

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

959.86