View all from Kwabena Kwabena
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryKwabena KwabenaPenpe2005George Kwabena AduTwi54:22
Verse 1
Da a, adi kan a, mehuu no no
Me ya mu gyee me hyew, na mebɔɔ birim
Ɔbaa yi ho akɔnɔ paa
Anokwa, ne ho twa
N'ano ne kasadɛ koraa na ɛku me
Ɔbaa yi bɛku me o, nanso menwu
Mate ahwe ne dɔ mu
Ne dɔ mu yɛ dɛ paa
Neɛ ɔpɛ nyinaa ara mɛyɛ ama no o
Ɔwɔ abosea koraa o, mɛbɔ ahyɛ no o
Ne dɔ mu yɛ me dɛ o
Ne dɔ yɛ me fɛ paa
Ɛnti mɛyɛ neɛ a, wopɛ nyinaa ara
Mɛbɔ no awia sɛ som ba
Mɛka no hye sɛ waba
Neɛ a, wopɛ nyinaa ara
Ɔnka na mɛyɛ oh oh
Mɛbɔ wo awia sɛ som ba
Mɛka wo hye sɛ waba o
Verse 2
Manya ahunu sɛ, wodɔ me yi deɛ
Mɛsɔ wo mu yie, m'akoma mu dehyeɛ
Wonni obiara mbɔ mu hyeɛ
Wo nko ara, w'akyi, obi nni hɔ
Sɛ wogya me hɔ a
Biribi bɛyɛ me
Sɛ wo ne obi gyina hɔ a
Ɛyɛ na me ya mu hyehye me
Mede me dɔ nyinaa ara ama wo o
Ɛnti ɔdɔ, mesrɛ wo, sɔ me mu yie
Baby, am longing to taste your sweet sweet loving
I want to feel your heartbeat next to mine
Come on to me
And let me whisper sweet sweet loving words into your ear
Chorus
Mese mɛyɛ, mɛyɛ neɛ a, wopɛ nyinaa ara
Mɛbɔ wo awia sɛ som ba
Mɛka wo hye sɛ waba
Neɛ a, wopɛ nyinaa ara
Ka na mɛyɛ ama wo
Mɛbɔ wo awia sɛ som ba
Mɛka wo hye sɛ waba
Mɛyɛ neɛ a, wopɛ nyinaa ara
Mɛbɔ wo awia sɛ som ba
Mɛka wo hye sɛ waba
Repeat Hook
Mɛyɛ o, mɛyɛ o, mɛyɛ o
Neɛ a, wopɛ nyinaa, mɛ do
Repeat Chorus till fade
© Kwabena Kwabena
Produced by Big Ben





















I love this song!!!!!!!!
Poster un nouveau commentaire