XXL - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •  
  • XXL View all from Nana Acheampong
    Nana Acheampong
    XXL
    2002
    Ernest Nana Acheampong
    Twi
    4:48

Hook
Ɔdɔ wei deɛ, menhyia bi da o
Saa ɔdɔ yi, menhunu bi da o
Awanwan dɔ o
Papa no no (2x)
Wei deɛ, bambara

Chorus
XXL, menhyia bi da o
XXL, bambara
XXL, menhunu bi da o
XXL, bambara

Verse 1
Ɛbɔ yi ho na woakyerɛ me
Woakyerɛ me ama m'ate ɔdɔ aseɛ
Ɔdɔ a woayi akyerɛ me anadwo yi deɛ
Nyame anim, menhyiaa bi da o
M'akyini, m'akyini, m'akyini
M'anante, m'anante, m'anante
Saa dɔ wei deɛ, nokwarɛ ni menhyia bi da o
Barima paa na ɔgyegye mmaa so sei
Mese menkaa yɛ koraa na woayɛ o
Yee, yɛn katakyie, mede Nana Nyame na da mo ase o
Sɛ ɛkae no na meresɛe ara kwa
Efiri sɛ biribiara m'ahu no anadwo yi mmom deɛ
Wei deɛ yɛntwa mu o
Saa dɔ yi deɛ, mese bambara

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Meda mo ase bebree
Mede Tweduampɔn na ɛda mo ase o
Oh, Ghana mmeranteɛ, mokrɔkrɔ yɛn sa
Na ɔdɔ deɛ hwan na ɛbɛnya a
Ɔdɔ deɛ ɛsombo sen ade nyinaa
Nokwarɛ ni adeɛ a m'ahu no anadwo dɔ yi deɛ
Woamma me ho abɔbɔ
Mese ɔrekyɛ wo adeɛ a
Ɔnkyɛ wo adeɛ ketewa o
Ɔrebɛma wo deɛ a, ade kɛseɛ nkoaa
Domhwiree reba, mode akyi
Barima e, w'adwuma ho te o
Aane, me na mese mepɛ
Nanso afei deɛ, mese m'ahyia
Nti adeɛ a, ɛmu aduru nie
Aaane, ɛbu ananka yi o
Enam bɔbirim paa na mese mehyia yi
Kwaku Dansido, w'adwuma ho te o
Barima, wo tua hoɔ nam dodo
Wei mmom deɛ, mese bambara

Repeat Chorus 2x

Megu so da w'ase bebree
Menam nnwomtoɔ yi mu na Eda mo ase
Sɛ ɛnka m'anhyia mmom deɛ
Na ɛnka megyedi sɛ wɔdɔ bi wɔamma o
Sɛ adeɛ a ɛyɛ dɛ wɔ beebi paa a
Mmaa yi ara nso ara na ɛbɛku mmarima o
Nanso barima w'adonkotoɔ yi deɛ, mese menhyia bi da o

Repeat Chorus 2x

Repeat Hook 2x

© Nana Acheampong

:

Watch the XXL video by Nana Acheampong

 

Produced by Owoahene Production

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

5788.12