Nfa me nko ho


Verse 1
Sɛ neɛ wose wodɔ me no
Hwɛ na woanti m'akoma
Mede m'akoma kuruwa ɛkyɛ wo a
Wobɛtumi ahyɛ no ma
Adeɛ a mempɛ ɛnɛ ɔdɔ ntɔsoɔ
Wode me bɛyɛ wo dessert
Wodi w'aduane pa bi na women a
Na wode me afefa w'anum mu
Wode me bɛyɛ wo sapɔfunu da hia wahwehwɛ me
Ɔdɔ saa deɛ, mepa wo akyɛw
Mesrɛ wo fa me si aha yi a
Na mewe ɔsono ama me ho akyiri me no deɛ
Ɔdɔ yɛwu e, anka mewe ntafrɛ anya ahotɔ
Kwani kwani ɔdɔ deɛ, menfata
Mepɛ deɛ ɔpɛbɛ me
Mehia deɛ ɔbɛhia me
Ɛnyɛ deɛ ɔbɛdi me ho agorɔ

Chorus

Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua
Ɛntumi nstande heartbreaks and lies
Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ
M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ

Verse 2
Asosɔn nti na yɛko wo ho no
Wo ho twentwam mo a na yɛatwi afa wo so
Ɔgyina asuogya deɛ no ɔpakyewo
Ɔtua nsuo wie a, ɔse ɔdɛnkyɛm atikɔpɔ
Nkontompo ne nnadaa w'akoma ɛte mpo a, ɛnfa me ho
Kwani kwani ɔdɔ deɛ, menfata
Mepɛ deɛ ɔpɛbɛ me
Mehia deɛ ɔbɛhia me
Ɛnyɛ deɛ ɔbɛdi me ho agorɔ

Chorus
Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua
Ɛntumi nstande heartbreaks and pain
Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ
M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ

Verse 3
Akoma nni rechargeable battery
Yɛntɔn na yɛntwa ne ho factory
Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene
M'akoma te sɛ kosua mono a yato no ɛnnɛ
Ɛfiri wo nsa mu ɛhwi fɔm ma yato atwene
Daabi ara adwendwen ni kɔda a nda deɛ mentumi
Ɛnti sɔ m'akoma mu yie
Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene
Me dɔfo kɛseɛ bɛdane me tamfo deɛ ɛbɛku me
Ɛbɛku me
Ɛnfa me nkɔ hɔ (m'akoma sua)
Ɛno deɛ, ɛbɛku me (heartbreaks and lies)
Ɛno deɛ, ɛbɛku me (M'akoma yi ketewa)
Ɛno deɛ, mempene, mentumi
Uuh, ɛbɛku me (m'akoma yi sua)
Ɛno deɛ, mentumi, ɛbɛku me (M'akoma yi ketewa)
M'akoma yi sua, heartbreaks and lies (pain) till fade

© Kojo Antwi

:

Watch the Nfa me nko ho video by Kojo Antwi

 

Produced by Freedom Family

Chale's picture

Video for Nfa me nko ho posted

Another nice video from the Music man.
On some ballet koraa!

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1357.77