Kakra nkakra - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •  

Kakra nkakra
Enable Javascript in your browser to browse the full media gallery

More
Eye Awurade na ebeye
Moses OK
Twi
4:59
1
Moses OK
2006

Chorus 2x
Kakra nkakra, ɛbɛyɛ yie
Ɛnti mɛkɔ so akɔ m'anim
M'ani so adehunu yi
Me Nyankopɔn na ɔbɛma no aba mu
Memma m'aba mu mbu
Mɛkɔ so akɔ m'anim
Mede gyidie ani ahunu sɛ
Me daakye no yɛ kɛsɛ

Verse 1 2x
Nyame a, mesom no no
Yɛ me boafoɔ
Nyame ne me komafoɔ
Me kyiritaafoɔ ne me kandifoɔ ne no
Nyame bɛkɔ ama me (2x)
Nyame, wɔayɛ bi da
Ɛnti ɛkɔsi sɛ deɛ Nyame aka no bɛba mu
Memma m'aba mu mbu

Repeat Chorus

Verse 2
Ma me nka Nyame ho asɛm bi nkyerɛ wo
Ɔnni atwerɔ da
Nyame mbu n'apam so da
Me mboa nyinaa firi ne nkyɛn
Nyame ne ma boafoɔ
Me deɛ, Nyame ne me boafoɔ
Ɛnti mɛhu Awurade ne pɛ a
Ɛwɔ ateasefoɔ asaase yi so
Nyame a, wɔahyɛ me bɔ no
Ɔyɛ nokwarefoɔ
Ɔmbu n'apam so da
Me mboa nyinaa firi ne nkyɛn
Nyame ne ma boafoɔ
Me de, Nyame ne me boafoɔ
Ɛnti mɛhu Awurade ne pɛ a
Ɛwɔ ateasefoɔ asaase yi so

Repeat Chorus till fade

© Moses O.K

 

Produced by

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>. Specify that it is an Akan word by enclosing the word in <d:ak></d:ak> tags
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

Twitter Updates

    Syndicate content Subscribe to our RSS feed or join our Twitter community
    follow me on Twitter