Me dofo Akua - Museke African song lyrics

Chorus 2x
Me nsa aka me dɔfo paa, yɛfrɛ no Akua
Manya ahyia me baby
Mensesa m'adwen koraa a
Manya ahyia me baby
Mensesa m'adwen koraa a
Verse 1
Yee, ɔdɔ bi yɛ dɛ o, na ɔdɔ bi nso yɛ fɛ
Kɔ ɔkuro mu kɔhwɛ, ɔwɔ mpo wɔ girl
Mɛdɔ wo ara till sɛ meda owuo mpa so
Mɛnni wo nokwarɛ a, wifey, forgive
Mɛmprepre me nan ase ngu w'asa so
Yɛn nsu pre koraa a, na yɛrepre ɔdɔ ho nfaso
Ma yɛnkuta tete, amammerɛ mu saa
Tradition goes on te sɛ key soap
Mefrɛ me dɔfo nkɔmɔwoɔ a, wogye so ‘aaha'
Wo ne me boafoɔ bia, wo woso me bo
Ɛno nti na mama se, woyɛ soronko
Mammɔ akɔnma koraa nka me dɔfo yi akoma
M'akoma ɛrekɔ one kilomita per hour
Hwɛ me kora tumi ku last kila
Auntie Joice, go come, hmm, mempene
The mark of the beast, triple 6, memmene
Mɛkɔ kɔpem sɛ w'adukuro mu nsuo bɛtene
Wo ne m'akutukuru, merebɛhyɛ ama n'abere
Mɛkɔ ama dokodoko mu kyɛnkyɛhene
Yɛnkɔ no bɔkɔbɔkɔ te sɛ aboa kyekyere
Oh, me dɔfopa, ɛka ne broda
Tetekoafraboa ka paa ama me ho aba
Hwɛ sɛ ɔdɔ bi abɔ me dam danta
Nsu bɛgyinabɛgyina na ɛfiri wo dabrɛ
Ɛda a, wobɛba, mɛnya honam sradeɛ
Oguan bɛtɔ kosua na akokɔ bɛwo ba a
Wo nkoaa ne m'anidaso, me dodo kabea
M'akoma mu landlord, gye wo dan safoa
Oh, no room for rent, rent
No rent for room, room
Repeat Chorus 2x
Verse 2
Me ne wo bɛtena nsu ase
Na woahu sɛ nea ɔkɔtɔ bɔ waw
Wo tɛkrɛma yɛ m'atafrode
Ɔkɔm de me a, medebɛto m'anum na mawosaw
Nsuo sɛ etututuro, nso mentu taa
Nnwom bɛn na wopɛ, na yɛnfa nni asaw
Hwɛ obiara se nketenkete ne mu gyaw
Suban yɛ Akuapemnii na yɛnbɔ ne bɔmaa
Me ne no bɛkɔ asɔfoɔ fie, akɔka yɛn bɔne
Na mafira wo ayɛforo kɛnisua
Yɛanwɔ no a, ne ne mu dan
Ɛnnɛ, wobɛsom wo dae
Firi sɛ, etua, ɛbɛkum turo mu no
Ɛda bankye abrɛ mu koraa a, na ɛrepae
Ɔkisi pɛ fufu na me nkwan adi
Ɛnso wɔma ne waduro na ɛsukyɛn ni bɔm
Wiase ntam dinn na asaase ase ɛnyɛ komm
Mede me nkɔ me dɔ, ɛbɛhwe a, na medereba abɛyi mo ani
Yiw, firi sɛ, nsuo a, ɛyɛ dɛ no, na akora da ani
Ɔsebɔ koraa, mede me hinim mu mframa ma no aguan
Na ɛnyɛ twiw, na m'anum nkasa ma ne nan
Repeat Chorus 2x
Verse 3
Me baby e, me nsa aka me dɔfo pa e (hey hey) (2x)
Agyei, agyei, me nsa aka me baby
Akua, wo deɛ, wodraeve me crazy
Fa wo nsa bra bɛto me kɔn mu
Na bɔ me nkɔmɔ mma me tiri mu nyɛ me dɛ
Agyei, agyei, me nsa aka me baby
Akua, wo deɛ, wodraeve me crazy
Fa wo nsa bra bɛto me kɔn mu
Na bɔ me nkɔmɔ mma me tiri mu nyɛ me dɛ
Me baby e, me nsa aka me dɔfo pa e (hey hey) (2x)
Repeat Chorus till fade
© 4x4
| Related | |
|---|---|
| Museke African song lyrics | Jama1, Maye wo bone a, fakye2, Kookoo aduro3, World Trade Center5, Shaka Zulu (Fresh ones)6 |
| Museke African mixes/playlists | Hiplife4 |
| Museke African artistes | 4x47 |
Produced by Q-Lex entertainment











Post new comment