Mesu afre me Nyame (Ade akye abia) - Museke African song lyrics
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery
Chorus
Christiana Love
Adeɛ akye abio o, mɛsu afrɛ me Nyame o
Adeɛ akye, adeɛ akye, adeɛ akye o
Adeɛ akye abio o, mɛsu afrɛ me Yesu o
Na wɔama me nea mɛdi e na wɔama me deɛ mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame o
Kwaku Gyasi
Adwoa Christie, tie tie tie
Adeɛ akye abio o, mɛsu afrɛ me Nyame o
Adeɛ akye abio e, mɛsu afrɛ me Yesu o (Aane)
Na wɔama me nea mɛdi e, wɔama me deɛ mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame o
Me Nyankopɔn, Ɔbɛma me deɛ mɛdi e (Aane), Ɔbɛma me nea mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame o
Verse 1: Christiana Love
Me nua e, Onyame anum asɛm biara a, ɛyɛ a, na ɛyɛ nokware o
Neɛ Tworɔsɛm no aka biara, ɛyɛ a, na ɛyɛ nokware o
Mede me ho ato nipa so o, afei deɛ, m'anim agu ase
Mede me ho ato yɔnkoɔ so o, deɛ mɛdi mpo abɔ me o
Mede me ho bɛto Yesu so, Ɔno na Ɔbɛtumi aboa me
Na wɔama me nea mɛdi e na wɔama me deɛ mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase, agu m'anim ase, agu m'anim ase o
Na wɔama me nea mɛdi e na wɔama me deɛ mɛhyɛ
Efiefoɔ agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame
Adeɛ a, Yesu aka biara, ɛyɛ a, na ɛyɛ nokware o
Onyame anum asɛm biara a, ɛyɛ a, na ɛyɛ nokware o
Mede me ho ato nipa so o, afei deɛ, m'anim agu ase
Mede me ho ato yɔnkoɔ so o, deɛ mɛdi mpo abɔ me o
Mede me ho bɛto Yesu so, Ɔbɛma me nea mepɛ
Na wɔama me nea mɛdi e na wɔama me deɛ mɛhyɛ
Efiefoɔ agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame
Na wɔama me nea mɛdi e na wɔama me deɛ mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase, agu m'anim ase o, wɔagu m'anim ase o
Repeat Chorus: Kwaku Gyasi & Christiana Love ![]()
Verse 2: Kwaku Gyasi
Me nua, tie tie tie
Yesu a, manya no nti, afei deɛ, biribiara nhia me o
Agyenkwa a manya no yi, afei deɛ, menhia biribiara bio a
Ɔbɛma me nea mɛdi e, Ɔbɛma me nea mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame
Ɔbɛma me nea mɛdi e, Ɔbɛma me nea mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame
Verse 2: Christiana Love ![]()
Kwaku ei, me nua Kwaku Gyasi
Yesu a manya no nti, me ho atɔ me o
Me Nyame a, magye no adie nti, mensuro biribiara woate
Ɔma me deɛ mɛdi e, woate, Ɔma me deɛ mɛhyɛ
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame
Ɔma me deɛ mɛdi e, Ɔma me deɛ mɛhyɛ ɛnka
Efiefoɔ agu m'anim ase, agu m'anim ase, agu m'anim ase o
Repeat Chorus: Christiana Love & Kwaku Gyasi
© Christiana Love
Watch the Mesu afre me Nyame video












i love this song, this is a collaboration of two of the best gospel musicians in Ghana. God is ever dependable, praise Him everyday.
This song is wat i wake up to. It just rises my spirit
I know Steph, beautiful gospel music from Ghana and a song featuring two Ghanaian gospel heavyweights.
Adeɛ akye abio o, mɛsu afrɛ me Nyame o - Another day has come (the sun has arisen again), I will cry and call on my God
Adeɛ akye, adeɛ akye, adeɛ akye o - The sun has arisen....
Adeɛ akye abio o, mɛsu afrɛ me Yesu o - The sun has arisen again, I will cry and call on my Jesus
Na wɔama me nea mɛdi e na wɔama me deɛ mɛhyɛ - And He will give me what to eat and what to wear
Anipa agu m'anim ase akyɛ, mɛsu afrɛ me Nyame o - People have disappointed me and disgraced me for a long time, I will cry and call on my God
Post new comment