Menwu biom - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •  

Menwu biom
Enable Javascript and
Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Obour entries
Atumpan/Project Obour.com
Obour
Twi
6:09
3
Bice Osei Kuffour
2004

Na mokaase mekɔ, manya ankɔ, metetɛ nkwan nkyɛn, aha yaa 4x

Chorus 2x
Menwu biom (3x)
Mato memabe pitiri asɔre, menwu biom
Owuo atwedeɛ, maforo asane, menwu biom
Asamando madi nsaawɔsoɔ, menwu biom
Anaa dɛn biom

Verse 1
Menka anaa ma mennka
Tafo asieyɛ mpo antumi me na wo
Wobɛyɛ dɛn, Awudome
Nya abotrɛ, pinkyɛn, pinkyɛn, pinkyɛn wo ho
Mortuary down, downtown
Sɔre firi akonwa no mu, firim (firi mu, firi mu)
Anigyeɛ aba fie ama nkatafoɔ ahuri sa
Abubriafoɔ abu mabaa mu ɛbu wɔn pa
Anifrafoɔ ani ɛrebɛte
Aprisonfoɔ nso ani ɛrebɛgye
Maba ama nsɛnkyerenee ɛresisi
Ɛnti onua, bɔ wo nsam, bɔ wo nsam
Ɔboɔ, me no no, nipa mu kyiniɛ
Metrɛ, mebae, masan adenden
Ɛsum, ɛnyɛ ne tipɛn ɛne ɛhan
Barima ngyina ɛmaa mu mmɔ ampe
Ɛnyɛ kraman afɛ ɛne Lazarus nnompe
Magazine angye me, na Kokompe
Abura akotɔkura, akura kronkron
Me ho nketenkete, me ho sɔnpiɔn
M'anim nsaa apɔtwe sɛ pɔmpɔ
Menyɛ nipa denden, menyɛ asoprɔprɔ
Makata m'ani asɔre Solomon nyansapɔ
Family Tree, Adwinfi!
Matwa owuo ntrɔ, mama owuo vibe
Madaada no sɛ, me ne no, yɛyɛ one tribe
Mapɛ mpɛsewa bi ɛde ama no bribe
Wonim na wokyerekyere m'adwen kɔto po mu
Medɔ asukɔ akɔyi ma deɛ
Wogya m'anuonnyam ɛde hyɛ ma motuem
Mɛhi adwen nwee agu, mɛyi ma deɛ

Repeat Hook 4x

Repeat Chorus 2x

Beat yi yɛdɛ, ma ɛnyɛ nnwom (6x)
Anaa dabi bɛba, anaa dabi bɛba o
Anaa dabi bɛba, dabɛn dabɛn da a e
Anaa dabi bɛba, anaa dabi bɛba o
Anaa dabi bɛba, dabɛn dabɛn da a e

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Articulator mpo, mada hɔ ama n'afa me so
Kiss teeth, Nissan pickup
Fɛfɛ n'ɛfɛ sɛ ɔbaa tu mmirika a, ɔbɛ sɔ ne nofo mu
Na mpe sɛ nyɛ bia ɔgyae ne nofo mu na ɔtu mmirika a, ɛbɛdwiri agu
Ɔtumifoɔ, metumi wo a, mewrɔ wo kawa ɛfa w'abɛti
Opanyin, me ne akɔdaa kɔ kɔto kyia a
Medi kan bɔbi hyɛ ne nsam
Moafa no monfa mo nkɔ, yɛyi me asotire sɛ
Sɛ ɔti sɔre ahenman mu, n'ani agye ɛredi ahurusie
Ei, Ɔboɔ, yɛtwitwa ne nan do
Me nan na mose yɛatwitwa afiri hɔ no, ɛnie
Ɛfiri ɛnnɛ ɛrekɔ, wote biribi a, mɛnfa
W'ani anhu sɛ, ɛrekɔso a, mɛnka
Wote krenkren wɔ wo kaa mu a, mɛnfa
Mɛntena wo car steer akyi ɛnnom nsa
Ɛsan, broni, frɛ no accident
Ɛsan, ɛto obiara, ɛtoo president
Ɛsan, archbishop ɛne reverend
Ɛsan, nti ɔno nso, wobɛka sɛ wabo, anaa sɛ ebia, na wahye
Ɛnwomtofoɔ na ɛfata yɛn, ye deɛ, biribi ɛbɛkɔ so biara, mose yayɛ fine
Wokaase ɛnwom wei, mabo ɛna mehyɛ studio a
Anka mɛtumi, atworɔ one line, one line, one line
Afei nnaase nkɔ mma mo a, modɛdwa me ɛ
Moa moda ɔdɔkan adi kyerɛ me ɛ
Moantie nsɛmkeka na mototwerɛɛ yɛ
Ɛyɛ mo nti, na Ɔboɔ, mete ase (2x)

Repeat Chorus 2x
Menwu biom!
Anaa dabi bɛba, anaa dabi bɛba o
Anaa dabi bɛba, dabɛn dabɛn da a e
Yeɛ asee mu

Repeat Chorus till fade

© Obour

:

Watch the Menwu biom video by Obour

 

Produced by Family Tree Entertainment

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options