Wo kunu ko tebea - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •    •    •    •  

Wo kunu ko tebea
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Sidney (Barima) entries
Obia nye obia
Sidney (Barima)
Twi
6:02
3
Sidney Ofori
2005

Hook
Ɔman Ghana kɔtebea mu yɛ den a, gyina n'akyi
Ɔmanpanyin kɔtebea mu, yɛn den a, gyina n'akyi
Moara no moto o, aba yi, ɛyɛ mo ara
Ɔman Ghana kɔtebea mu, yɛ den a, gyina n'akyi
Moara no moto o, aba yi, ɛyɛ mo ara
Ɔmanpanyin kɔtebea mu, yɛ den a, gyina n'akyi

Oh, kɔnyee ba o, payan
Na ɛrekɔ, na ɛreba, payan
Wosuro a, wonndi, payan
Twe bɛn no ɛ, payo, payo, payo
No one is new to the trials and tribulations of life
Sidney, Kaunda, Nana Oheneba, Morris Babyface, Squadwie

Chorus
Wo kunu kɔtebea mu a, ɛyɛ den a, gyina n'akyi
Wo kunu kɔtebea mu, ɛyɛ den a, gyina n'akyi
Moara na mose o, for better for worse
Wo kunu kɔtebea mu a, ɛyɛ den a, gyina n'akyi
Moara na mose o, for better for worse
Wo kunu kɔtebea mu, ɛyɛ den a, gyina n'akyi
Ɔman Ghana kɔtebea mu yɛ den a, gyina n'akyi
Ɔmanpanyin kɔtebea mu, yɛn den a, gyina n'akyi
Moara no moto o, aba yi, ɛyɛ mo ara
Ɔman Ghana kɔtebea mu, yɛ den a, gyina n'akyi
Moara no moto o, aba yi, ɛyɛ mo ara
Ɔmanpanyin kɔtebea mu, yɛ den a, gyina n'akyi

Verse 1
Wo kunu adwuma asɛe nti, worekɔ
Aban agye ne tuo nti, woregya ne hɔ
Ɔbaa yi nwo, enti ɔnkɔ
Anaa ohia yi nti
Kae dabi, na dabi ambɛ kae wo
Kae, na ɔsensan dan ho
Wodadwenee ho sɛ ɛnnɛ, wobɛyɛ sei
Frɔmfrɔm nte hɔ daa, nti ɛyɛ a, hwɛ no yie
Tɔ dabi a, hmm, ɛyɛ
Tɔ dabi nso a, hmm, boboo
Nipa bɛn na ne ho nni mfomsoɔ
Ɛntoo wo a da, na wo deɛ reba
Ɔyɔnko pa koraa, ɔne hwan
Ɔyɔnko pa ne deɛ wonya asɛm a
Sika a wopɛ biara, ɔdebɛbrɛ wo
Ɛnso ɔnya kwan mmɛ hwɛ wo
Anaa yɔnko pa ne nea daa wonya asɛm a
Dabiara, ɔte wo nkyɛn da
Nanso sika a, ɛde sika deɛ
Ebia na woanya bi amma wo
Wo kunu kɔtebea mu yɛ den a, gyina n'akyi
Na mesrɛ wo, ɛnkɔ ngya n'akyi
Wo yere kɔtebea mu yɛ den a, gyina n'akyi
Anha, ɛnkɔ ngya n'akyi
Ɔsɔfoɔ kɔtebea mu yɛ den a
Oh, asɔre mma, ɛyɛ mma monkɔ ngya n'akyi
Ɔmanpanyin kɔtebea mu yɛ den a
Ghanaman, mma monkɔ ngya n'akyi

Repeat Chorus

Verse 2
Kraman gyina dompe so regye a
Yɛnfa ntwɛn agyinamoa po a, wada
Never never, doctor doctor Kaunda
Wo kunu kɔtebea mu ɛyɛ den a, gyina n'akyi
Ɔhemaa, ɛnkɔ ngya n'akyi
Ama Kuukyi, m'ani twia wo, fiili gadookyi
Mmrɛ a, Bra Ricki, ɔhyɛ luukyi
Wotaa n'akyi, te sɛ body and leech
Ɛnnɛ ne ho kyeree no a, one mow to lawn
Aban agye ne tuo a, okwaduo mmrika
Wowirefi, till death do you part
Ɔhemaa, for better for worse
Tiapɔ te sɛ nsuo, ɛnsere
Ɔboy, sa nsuo si wo deɛ ho o
Obi deɛ na aba yi, wo deɛ reba
Bankuta, ɛhwe left and right
Basere dɔm, wo ne hwan
Wo ne hwan na wo nsa asi wo bo yi
Anoma rekɔ wu a, ne takra ba fɔm
Full stop, ɔkwasia nya nsa na
Ɔheneba, madi kana ka deda o
Wo nso wobɛsa reggae a, menmind
Ah, mese menmind
Ah, still yɛnwu
Asti bɛseɛ, Rikia, Mama Sarah
Mama Joyce, Modena, yɛnwu
Itikolo, Mama Sarah, ah hah
Yɛnwu (2x), ɔbaa, yɛnwu
Shaggy, Kobby, ah hah, aaa

Repeat Chorus till fade

© Sidney

 

Produced by Alordia

owusu's picture

when i first hear this song, i cud not believe it. sidney is sometyms too profane but i love this song. he raise some big issue in the song too. Rap ninja, woye bue!

MyDestiny's picture

There is nothing profane about this song Owusu.

It's all about the government or people going through some hardship. He is suggesting we stick with them through thick and thin.

His stress on that one word, ''kɔtebea'' and use of euphemism such as ''Aban agye ne tuo'' make it seem so, but it ain't so.

Chale's picture

yea, Sidney is always doing some euphemisms here and there. Didn't even realise the aban agye ne tuo part.
Great song nonetheless

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options