Who Jah Bless - Museke African song lyrics

Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery
Ghana, here we go again
Brafoɔ, sɔfoɔ Father, I glorify Your name
C'mon, shall we do it again (shall we) (3x)
Chorus
Who Jah bless, no one curse
Nea Onyame ahyira no no, me nua e, ɔtanfo ntumi sɛe no o
Who Jah bless, no one curse
Nea Onyame ahyira no no, me nua e, ɔtanfo ntumi sɛe no o
Moayɛ a, moayɛ bɔne
Moayɛ a, nea mempene
Moayɛ a, ɔtanfo nsa bɛgyene
Verse 1
Wotee no sɛn, na worebu apie
Anaa sɛ asɛm n'aba, na woreka bie
Bisa wo bankye, ɔsɛnkunii, gyae nsɛmkeka
Mensah, ɛbi wɔ wo fie
Adwenpɔdie, bugu me so, pɛsɛ me, aboa nanka, wo tiri so kahyire
Ɛkaa mo nkoa a, nfifire
Megyina badwa mu, yeregu me mpire
Ɛkaa mo nkoa a, mete nfikyire
Animguaseɛ, atanfo mmɔ hyire
Ankoa nkoa, nka nea morepɛ nie
Afei deɛ, kodwoo, damirifa due
Attention, gyina yie
Wiase, deɛ adeɛ wɔ no, na ɔdie
Otweduampɔn nte sɛ nipa, adwenfi, Allah kia ye, ɛnyɛ yie
Sɛ wokɔto sɛ, nkotompo rete nisuo a
Me nua, no nokware na wɔabo noɔ
Ɛtɔ daabi a, deɛ adikan bɛwe toɔ
Ɔbinnim dwonkuku a, adeɛ bɛkye soɔ
Onyame nhyɛ bɔ, ɛnni nhwamɔ
I swear, nea wɔatworɔ no, na wɔatworɔ
Wopɛ a di nkyene bɔtɔ, ɛnsesa
Nea wɔatworɔ no, na wɔatworɔ
Repeat Chorus 2x
Verse 2
Ɔbanyansafoɔ de kosua bu dompe mu
Deɛ Onyame aka biara, ɛbɛba mu
Asesa yi nso, wakohia ne w'ahokyerɛ mu
Ɛnsuro, hyɛ den, nya awerehyirɛmu
Ɔyɛfoɔ no deɛ, ɔse ɔrepae w'apampa mu
Ɔnnim sɛ, ɔrehyɛ wo kɔn mu den
Daakye, daakye, wobɛdi bem
Ɛyɛ deɛn a, ɔkusie bɛfu nfemfem
Makae, makae m'adamfo bi Bɛkyɛm
Ɔbra yɛɛ no buburoo, ɔdii ansa mu
Ɔbɔɔ dam tee yɛ, bra
Nkran bɛhyɛɛ adwa, Makola dwa mu
Nsɛnkyerɛnee a, ɛsi n'abrabɔ mu
Meka nyinaa a, ɛbɛgye wo nsa mu
Saa na Otweduampɔn yɛ n'adeɛ
Ɔtumi foro onipa biara firi atekyɛ mu
Ɔma no so a, straight pasa mu
Ɔpropro ne ho a, na ɔde no ɛsi konkɔm
Abɔfoɔ de wɔn mɔreɛ atim fɔm
Ɛkaa wɔn nko a, anka wabɔ fɔm
Wo ne wo yere, ne wo mma, moada fɔm
Ɔbrɛ ne nhwɛhwɛdɛ abu mo kɔn
Yesu Kristo apɛgya ne nsa nifa, ɔteasefoɔ, woyɛ kwa
Deɛ ɔtanfo ahyehyɛ atia wo nyinaa, Yesu din mu, anfa
Insha Allah, Akua ne ne mmɔbɔnfoɔ
Moayɛ a, ankɔsi aga
Ɔbrafoɔ, gye Nyame Ɔtanfo sa bɛgyene, baa yawa
Repeat Chorus 2x
Moayɛ a, moayɛ bɔne
Moayɛ a, nea mempene
Moayɛ a, ɔtanfo nsa bɛgyene
© Obrafour
Produced by Wayoosi Music












I like this song even though that Who Jah Bless has been used waayy too many times.
Very good site.
Thanks.
Who jah bless, no man curse for real. Obrafour, God bless you and keep you strong
This is cool site. Thanks.
i love this song, Obrafour always has something reasonable to say, big ups!
i believe Obrafour had another gospel song in one of his earlier albums. i've searched everywhere, but please upload it too if u hav it
i like this song too