Abofra bo ngwa - Museke African song lyrics

Enable Javascript in your browser to browse the full media gallery
Yɛkasa kyerɛ wo na sɛ woantie a
Ɛneɛ na ɛsɛ wo ara
Ɛsɛ wo ara
Yɛtu wo fo na sɛ woantie a, na ɛsɛ woa (2x)
Verse 1
Ɛyɛ musuo, ɔpanin ka, na sɛ woantie a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, apɛtuprɛ su anadwo a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo a, ɛyɛ musuo o, ɛyɛ musuo (2x)
Tu wo fo, na mantie nti, monhwɛ m'awieyɛ o
Ao, maame e, ɛna, wo buo ni o
Asoɔden nti, menni ɔkamafoɔ
Ebuoo, na mereyɛ no dɛn ni o
Obrɛtuoba, adeɛ atɔ m'ani e
Metu m'ani a, ɛntɔ obiara anim o
Dasuo ahiri me a
Dasuo ahiri me o
Nsuo ahiri me a
Paapa kaayɛ, ɔkaayɛ a, ɔmmoa sɛ
Chorus
Yee yee yee
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra bɔ ngwa, ɔbɔ ngwa a
Verse 2
Ɛyɛ musuo, ɔpanin ka, na sɛ woantie a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, apɛtuprɛ su anadwo a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, w'agya ka, na sɛ woantie a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, apɛtuprɛ su anadwo a, ɛyɛ musuo
Ao, maame e, yɛde me rekɔ o
Mehunuyɛ a, anka, nanso, aka akyire o
Ɔbrɛtuoba, na merekɔ no sɛn ni o
Metu m'ani a, ɛntɔ obiara anim o
Paapa kaayɛ o, ɛna mantie o
Oboasiako e, me na m'aso ni o
Dasuo ahiri me a Dasuo ahiri me o
Nsuo ahiri me a
Paapa kaayɛ, ɔkaayɛ a, ɔmmoa sɛ
Chorus
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra bɔ ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ
Yee, woayoo (2x)
Gyae, gyae
Sɛwoantie nyɛ o (2x)
Sɛwoantie yi a, ɛne ɔwam atikɔpɔ
Abofra, abofra, yee
Abofra, abofra, woayo till fade
© Kojo Antwi
Listen to Abofra bo ngwa song by Kojo (Kwadwo) Antwi
| Related | |
|---|---|
| Museke African artistes | Kojo Antwi1 |
| Museke African song lyrics | Densu2, Do me wu3, Kakayi4, Dadie anoma5, Tom and Jerry awaree6, Odo a medo wo nti7, Akonoba8, Happy anniversary (Kojo Antwi)9 |
Produced by Freedom Family











The audio uploaded is not a kojo Antwi song.
Thanks Essie, we had Hadiza by Styl-Plus instead. Song was replaced
Post new comment