Densu - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  

Densu
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

View all Kojo Antwi entries
Densu
Kojo Antwi
Twi, Ga
5:20
1
Kojo Antwi
2003

Verse 1
Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Memfa no nto mpa pampa so
Mpapa bɛbu, awɔ me dɔ e
Mede ahenemma bɛhyɛ no o
Mede me ntoma bɛsɛ fɔm
Ama no anante so aba o
Na me dɔ nansowaa kyiri mmɔsea
Ɔdɔ nansowaa kyiri mmɔsea

Verse 2
Me dɔ wiase akra me sɛ
Ɔbɛba abɛka me ho hye o
Menfa no nto ɔnyina dua ase
Ɔnyina bɛbu abɔ me dɔ yi
Mete sɛ ɔbi rebɔ mu a na me yam ahye me o
Ɛyɛ ɔdɔ ne anigyeɛ afrafra
M'awerɛkyekyerɛ bɔfoɔ reba o
Ɔreba abɛku me ho awɔseɛ o

Chorus
Ɛnti yɛ ntɛm, ɔdɔ, pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena pɔnkɔ so bra
Pɔnkɔ nni hɔ a, nante bra
Bɛto wo densu gu me so

Verse 3
Medɔ asukɔ
Medɔ asukɔ wo densu mu o
Me piesie yi e
Medɔ asukɔ wo densu mu
Medɔ asukɔ wo densu mu
Nnsuolo hya ɔhe ni ɔba
Kyɔmo mi noko dani dzɛ atsele
Nmene okyikyi no ni maka mawɔ
Ɔhe ɔdze nma me mawɔ
Hyɔ ɔhe, Hyɔ ɔhe, Hyɔ ɔhe

Chorus
Yɛntɛm, ɔdɔ pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena car mu bra
Bɛtɔ wo densu gu me so

Chorus
Pɛ ntɛm ɔdɔ yɛntɛm bra
Afunuponko koraa ɔdɔ tena so bra
Afe koraa fa nante bra
Bɛtɔ wo densu gu me so

Verse 4
Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Menfa no nto mpapa mpa so
Mpapa bɛbu, awo me do e
Mɛtɔ kingsize bed ama no o
Na me koko ayɛ suumie e
Ɛnnɛ yɛnda ma obi ada bi o
Ɔdɔ yɛwu densu ayiri me, ayiri me o
Nsuo refa a, nsuo nfa me (4x)

Chorus
Ɛnti yɛntɛm, ɔdɔ pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena keteke mu bra
Keteke nni ho a, tena car mu bra
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ

© Kojo Antwi

 

Produced by Freedom Family

Akwasi A's picture

kojo antwi writes the best love songs he's really good

Kanyoni Irungu's picture

I cant get enough of this song, just beautiful. someone , anyone post me the English translation.

Chale's picture

i always wondered what the song meant exactly but i'll give it a try

Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ - my love has told me that (she must have written a letter)
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn - she'll come and sleep by me
Memfa no nto mpa pampa so - I won't put my bed on a fragile bench/wood
Mpapa bɛbu, awɔ me dɔ e - or else the bed would break
Mede ahenemma bɛhyɛ no o - I will put royal sandals on her feet
Mede me ntoma bɛsɛ fɔm - I will put cloth on the ground (for her)
Ama no anante so aba o - so that she can walk on it
Na me dɔ nansowaa kyiri mmɔsea, Ɔdɔ nansowaa kyiri mmɔsea - not sure what this means

Ɔbɛba abɛka me ho hye o - she will come and warm me up
Menfa no nto ɔnyina dua ase - i won't put her under a ? tree
Ɔnyina bɛbu abɔ me dɔ yi - or else this tree will break on my love
Mete sɛ ɔbi rebɔ mu a na me yam ahye me o - when i hear that someone is knocking, then i will be scared
Ɛyɛ ɔdɔ ne anigyeɛ afrafra - it is a mixture of love and happiness that causes this
M'awerɛkyekyerɛ bɔfoɔ reba o - my comforting angel is coming
Ɔreba abɛku me ho awɔseɛ o - she is coming to...... (i dunno)

Ɛnti yɛ ntɛm, ɔdɔ, pɛ ntɛm bra - so hurry up, my love, hurry up and come
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena pɔnkɔ so bra - if the plane leaves you behind, come on a horse
Pɔnkɔ nni hɔ a, nante bra - if the horse is not there, come by walking
Bɛto wo densu gu me so - come and pour 'sweet water' on me

Medɔ asukɔ, Medɔ asukɔ wo densu mu o - no idea
Me piesie yi e - my first
"the rest of this verse is in Ga, can't help here"

Mɛtɔ kingsize bed ama no o - i will buy a kingsize bed for her
Na me koko ayɛ suumie e - i will use my chest as a pillow
Ɛnnɛ yɛnda ma obi ada bi o - today we won't sleep for anyone to sleep
Ɔdɔ yɛwu densu ayiri me, ayiri me o - my love's sweet water has taken over me
Nsuo refa a, nsuo nfa me (4x) - the water is taking me - i am drowning

Ɛhyɛn tu gya wo a, tena keteke mu bra - if the plane leaves you behind, sit inside a train and come
Keteke nni ho a, tena car mu bra - if there is no train, sit in a car and come
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ - come and pour your sweet water on me

Kanyoni Irungu's picture

Awww thanks a bunch, gosh am just in love with this song! @chale

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search. e.g. <d>fienipa</d>
  • Enclose a word in <m> tags to link to a lyrics search. e.g. <m>Kojo Antwi</m>
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website. e.g. <s>kweku ananse</s>
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options